Hesekiel
1 Afe a ɛtɔ so aduasa, bosome a ɛtɔ so nnan no da a ɛtɔ so nnum, berɛ a me ne nkurɔfoɔ a wɔafa wɔn nnommum+ no wɔ Kebar+ asubɔnten ho no, ɔsoro bueeɛ+ na menyaa anisoadehunu firii Onyankopɔn hɔ.+ 2 Bosome no da a ɛtɔ so nnum, berɛ a wɔfaa Ɔhene Yehoiakin+ dommum kɔeɛ akyi afe a ɛtɔ so nnum no, 3 Yehowa de n’asɛm maa+ ɔsɔfoɔ Busi ba Hesekiel+ tẽẽ wɔ Kaldeafoɔ+ asase so wɔ Kebar asubɔnten ho; ɛhɔ na Yehowa nsa baa ne soɔ.+
4 Na mehwɛeɛ no, mehunuu ahum kɛseɛ+ bi a ɛfiri atifi fam ne mununkum+ kɛseɛ ne egya a ɛdi ahim sɛ ɛreba.+ Ná ɛhɔ nyinaa ayɛ hann, na na biribi te sɛ sika ne dwetɛ mfrafraeɛ wɔ egya no mu.+ 5 Na mehunuu honhom abɔdeɛ nnan+ wɔ mfimfini. Na sɛdeɛ wɔn su teɛ nie: Wɔte sɛ ɔdasani. 6 Wɔn mu biara wɔ anim nnan+ ne ntaban nnan.+ 7 Wɔn nan a ɛsisi fam no tene, na wɔn nan ase te sɛ nantwie ba nan ase,+ na ɛho hyerɛn sɛ kɔbere a wɔatwi ho.+ 8 Wɔwɔ ɔdasani nsa wɔ wɔn ntaban ase wɔ afã nnan no nyinaa,+ na baanan no nyinaa wɔ anim ne ntaban.+ 9 Wɔn ntaban no toatoam. Na sɛ wɔrekɔ a, wɔnnane wɔn ho; wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tẽẽ.+
10 Sɛdeɛ baanan no anim teɛ nie: Wɔn nyinaa wɔ onipa+ anim, na wɔwɔ gyata+ anim wɔ nifa,+ na wɔsan wɔ nantwie+ anim wɔ benkum,+ na baanan no wɔ ɔkɔdeɛ anim nso.+ 11 Saa na na wɔn anim teɛ. Na wɔn ntaban+ mu atrɛtrɛ hwɛ soro. Wɔn mu biara wɔ mmienu a akeka asi animu, na mmienu nso kata wɔn ho.+
12 Na wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tẽẽ.+ Baabiara a honhom no bɛkanyan wɔn sɛ wɔnkorɔ no na wɔkɔ.+ Na sɛ wɔrekɔ a, wɔnnane wɔn ho.+ 13 Honhom abɔdeɛ no te sɛ nnyasramma a ɛredɛreɛ.+ Na biribi te sɛ agyatɛnee+ di akɔneaba wɔ honhom abɔdeɛ no ntam; egya no hyerɛn, na anyinam firi egya no mu ba.+ 14 Na honhom abɔdeɛ no di akɔneaba te sɛ anyinam.+
15 Berɛ a megu so rehwɛ honhom abɔdeɛ no, mehunuu ntwahonan baako wɔ asase so wɔ honhom abɔdeɛ no mu biara nkyɛn,+ wɔn anim a ɛbɔ ho nnan no ho.+ 16 Na sɛ wohwɛ ntwahonan+ no a, ɛhyerɛn te sɛ sikabereɛboɔ;+ na nnan no nyinaa di nsɛ. Sɛdeɛ ne hwɛbea teɛ no, ɛreyɛ akɔyɛ sɛ ntwahonan a ɛhyɛ ntwahonan foforɔ mu.+ 17 Sɛ ebiara rekɔ a, ɛnam n’afã nnan no so.+ Sɛ ɛrekɔ a, ɛnnane ne ho.+ 18 Na ne hankra no korɔn ma ɛyɛ hu, na aniwa wowɔ nnan no nyinaa ho hyia.+ 19 Sɛ honhom abɔdeɛ no kɔ a, ntwahonan no di wɔn nkyɛnmu kɔ, na sɛ wɔma honhom abɔdeɛ no so firi asase so a, ntwahonan no nso ma ne ho so.+ 20 Baabiara a honhom no bɛkyerɛ sɛ ɛnkorɔ no na ɛkɔ; ɛkɔ deɛ honhom no kyerɛ sɛ ɛnkorɔ. Na ntwahonan no memaa ne ho so wɔn nkyɛnmu, ɛfiri sɛ na abɔdeɛ no honhom wɔ ntwahonan no mu. 21 Sɛ wɔkɔ a, na ɛno nso kɔ; sɛ wɔgyina a, na agyina; sɛ wɔma wɔn so firi asase so a, na ntwahonan no amema ne ho so wɔn nkyɛnmu, ɛfiri sɛ na abɔdeɛ no honhom wɔ ntwahonan no mu.+
22 Ná biribi te sɛ bamma+ wɔ honhom abɔdeɛ no atifi a ɛpa yerɛwyerɛw sɛ ahwehwɛboɔ* kokuroo a wɔatrɛ mu wɔ wɔn tiri so.+ 23 Wɔn ntaban no tene na ɛdi nhwɛanimu wɔ bamma no ase. Wɔn mu biara wɔ ntaban mmienu a ɛkata ne fã ha, na mmienu nso kata ne fã ha. 24 Sɛ wɔnam a, mete sɛ wɔn ntaban no gyegye sɛ nsuo pii a ɛreworo,+ te sɛ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no nnyegyeeɛ, te sɛ gyegyeegye kɛseɛ bi,+ te sɛ asraafoɔdɔm kɛseɛ gyegyeegye.+ Sɛ wɔgyina a, wɔgyaagyaa wɔn ntaban mu.
25 Na ɛnne bi firi soro wɔ bamma a ɛwɔ wɔn soɔ no so baeɛ. (Sɛ wɔgyina a, wɔgyaagyaa wɔn ntaban mu.) 26 Ná biribi te sɛ hoaboɔ+ wɔ soro wɔ bamma a ɛwɔ wɔn soɔ no so, biribi a ɛsɛ ahennwa.+ Na obi a ɔte sɛ ɔdasani te adeɛ a ayɛ sɛ ahennwa no so+ wɔ soro. 27 Mehunuu biribi te sɛ sika ne dwetɛ mfrafraeɛ gonn,+ na na biribi te sɛ egya wɔ emu nyinaa,+ ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asene de rekɔ soro; na ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asene de reba fam nso mehunuu biribi te sɛ egya, na na ne ho nyinaa ayɛ hyɛnn. 28 Na mehunuu biribi te sɛ nyankontɔn+ a ɛwɔ mununkum mu sutɔ da. Saa ara na na adeɛ a ayɛ hɔ nyinaa hyɛnn no teɛ. Ná ɛte sɛ Yehowa animuonyam.+ Na berɛ a mehunuiɛ no, mede m’anim butuu fam,+ na metee sɛ obi rekasa.