Hesekiel
2 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba,+ sɔre gyina wo nan so na me ne wo nkasa.”+ 2 Na berɛ a ɔne me kasaeɛ no ara na honhom bi baa me mu,+ na ɛmaa megyinaa me nan so tiee deɛ ɔne me rekasa no.+
3 Afei ɔtoaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, meresoma wo akɔ Israelfoɔ nkyɛn,+ aman atuatefoɔ a wɔasɔre atia me no.+ Wɔne wɔn agyanom ayɛ me bɔne de abɛsi nnɛ da yi.+ 4 Mma a wɔn ani yɛ den+ na wɔn akoma apirim+—yeinom nkyɛn na meresoma woɔ, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie.’ 5 Na sɛ wɔtie oo,+ wɔantie oo+—wɔyɛ atuateɛ fie+ nti—ɛnyɛ dɛn ara a, wɔbɛhunu sɛ odiyifoɔ bi tenaa wɔn mu.+
6 “Enti onipa ba, nsuro wɔn;+ na wɔn nsɛm nso nsuro. Nnipa a wɔasene wɔn kɔn+ ne nkasɛɛ+ wɔ hɔ, na wo ne nyanyankyerɛ+ nso na ɛteɛ deɛ, nanso nsuro wɔn nsɛm,+ na mmɔ hu wɔ wɔn anim,+ ɛfiri sɛ wɔyɛ atuateɛ fie.+ 7 Wo deɛ, sɛ wɔtie oo, wɔantie oo, ka m’asɛm kyerɛ wɔn, na wɔyɛ atuatefoɔ.+
8 “Na wo, onipa ba, tie deɛ mereka akyerɛ woɔ yi. Nyɛ wo ho otuatefoɔ te sɛ atuateɛ fie+ yi. Bue w’anom na di deɛ mede rema woɔ yi.”+
9 Na mehunuu sɛ nsa bi atene akyerɛ m’anim+ a ɛkura nwoma mmobɔeɛ.+ 10 Afei ɔfirii aseɛ trɛɛ mu m’anim, na mehunuu sɛ wɔatwerɛ animu ne akyire nyinaa;+ na deɛ wɔatwerɛ no mu no yɛ kwadwom ne abooboo ne esũ.+