Hesekiel
3 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, di deɛ wohunu yi. Di nwoma mmobɔeɛ yi+ na kɔkasa kyerɛ Israel fie.”
2 Enti mebuee m’anom, na ɔmaa medii nwoma mmobɔeɛ no.+ 3 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, di gu wo yafunu mu, na ma nwoma mmobɔeɛ a mede rema woɔ yi nhyɛ wo nsono mã.” Enti mediiɛ, na ɛyɛɛ m’anom dɛdɛɛdɛ sɛ ɛwoɔ.+
4 Na ɔtoaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, kɔ Israel fie+ kɔka m’anom asɛm kyerɛ wɔn. 5 Ɛnyɛ ɔman a wɔka pɔtɔ kasa+ anaa ɔman a wɔn kɛtrɛma yɛ duro+ nkyɛn na meresoma woɔ, mmom Israel fie. 6 Dabi, ɛnyɛ aman pii a wɔka pɔtɔ kasa anaa wɔn a wɔn kɛtrɛma yɛ duro a wonte wɔn kasa.+ Sɛ saafoɔ no nkyɛn na mesomaa wo a, anka wɔbɛtie wo.+ 7 Nanso Israel fie deɛ, wɔrentie wo, ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔbɛtie me,+ na Israel fie nyinaa kɔn asene* na wɔn akoma yɛ den.+ 8 Hwɛ, mama w’anim ayɛ den sɛ wɔn anim+ na wo moma so ayɛ den sɛ wɔn moma so.+ 9 Mama wo moma so ayɛ sɛ dɛnkyɛmmoɔ, na ayɛ den sene twerɛboɔ.+ Nsuro wɔn+ na mmɔ hu wɔn anim,+ ɛfiri sɛ wɔyɛ atuateɛ fie.”+
10 Na ɔtoaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, ma nsɛm a mɛka akyerɛ woɔ no nyinaa nna w’akoma so,+ na fa w’aso tie. 11 Kɔ nkurɔfoɔ a wɔafa wɔn nnommum no,+ wo manfoɔ no nkyɛn, na sɛ wɔtie oo, wɔantie oo,+ ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie.’”
12 Na honhom bi maa me so,+ na metee biribi te sɛ ahum kɛseɛ+ bi wɔ m’akyi sɛ: “Nhyira mfiri ne tenabea hɔ nka Yehowa animuonyam.”+ 13 Na metee honhom abɔdeɛ no ntaban a ɛretwitwi ho no nnyegyeeɛ,+ ne ntwahonan a ɛwɔ nkyɛn no nnyegyeeɛ,+ ne ahum kɛseɛ bi nnyegyeeɛ. 14 Na honhom no maa me so kɔeɛ,+ na mede abufuo na ɛkɔeɛ, me honhom anibereɛ mu; na Yehowa nsa yɛɛ den wɔ me so.+ 15 Enti mekɔɔ nnommum a wɔtete+ Kebar asubɔnten+ ho no nkyɛn wɔ Tel-Abib, na mekɔtenaa wɔn mu. Medii nnanson wɔ hɔ, na me ho dwirii me wɔ wɔn mu.+
16 Nnanson no awieeɛ no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ:
17 “Onipa ba, mayɛ wo ɔwɛmfoɔ ama Israel fie,+ enti tie m’anom asɛm na bɔ wɔn kɔkɔ ma me.+ 18 Sɛ meka kyerɛ ɔbɔnefoɔ sɛ, ‘Owuo na wobɛwuo,’+ na woammɔ no kɔkɔ, na woankasa ankyerɛ ɔbɔnefoɔ no ammɔ no kɔkɔ amfiri ne kwammɔne so na wannya nkwa a,+ ɔno ɔbɔnefoɔ no bɛwu n’amumuyɔ mu,+ nanso ne mogya deɛ, mɛbisa afiri wo nsam.+ 19 Na sɛ wobɔ ɔbɔnefoɔ kɔkɔ+ na wamfiri n’amumuyɔ ho ne ne kwammɔne so a, ɔbɛwu n’amumuyɔ mu,+ na wo deɛ, wobɛgye wo kra.+ 20 Sɛ ɔteneneeni dane firi ne tenenee ho+ kɔdi amumuyɔsɛm na mede suntidua to n’anim a,+ ɔbɛwu ɛfiri sɛ woammɔ no kɔkɔ. Ne bɔne nti ɔbɛwu,+ na wɔrenkae adetenenee a ɔyɛeɛ no,+ nanso ne mogya deɛ, mɛbisa afiri wo nsam.+ 21 Na sɛ wobɔ ɔteneneeni kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ ɔteneneeni yɛ bɔne,+ na sɛ wanyɛ bɔne a, ɔbɛnya nkwa ɛfiri sɛ woabɔ no kɔkɔ,+ na wo nso wobɛgye wo kra.”+
22 Afei Yehowa nsa baa me so wɔ hɔ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Sɔre kɔ asasetamaa no so,+ na me ne wo bɛkasa wɔ hɔ.” 23 Enti mesɔre kɔɔ asasetamaa no so, na mehunuu Yehowa animuonyam sɛ ɛgyina hɔ+ te sɛ animuonyam a mehunuu no Kebar asubɔnten+ ho no, na mede m’anim butuu fam.+ 24 Na honhom bi baa me mu,+ na ɛmaa megyinaa me nan so,+ na ɔne me kasaa sɛ:
“Kɔhyɛ wo fie na tom. 25 Na wo, onipa ba, wɔde ntampehoma bɛkyekyere wo, na worentumi mfiri adi nkɔ wɔn nkyɛn.+ 26 Na mɛma wo kɛtrɛma afam wo dodom+ na woatɔre mum,+ na worentumi nkasa nkyerɛ wɔn,+ ɛfiri sɛ wɔyɛ atuateɛ+ fie. 27 Na sɛ me ne wo kasa a, mɛbue w’ano na woaka akyerɛ wɔn sɛ,+ ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie.’ Deɛ ɔbɛtie ntie,+ na deɛ ɔrentie nnyae, ɛfiri sɛ wɔyɛ atuateɛ fie.+