Exodus 34:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Na ɔkaa sɛ: “O Yehowa, sɛ afei manya w’anim adom a, ɛnneɛ mesrɛ wo ka yɛn ho ma yɛnkɔ,+ ɛfiri sɛ nnipa yi kɔn asene.+ Yehowa, fa yɛn mfomsoɔ ne yɛn bɔne firi yɛn,+ na fa yɛn yɛ w’agyapadeɛ.”+ Nehemia 9:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 “Na wɔn, yɛn agyanom deɛ, wɔdii ahantansɛm;+ wɔsenee wɔn kɔn+ na wɔantie w’ahyɛdeɛ. Yeremia 3:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Ɛno nti wɔasi asusɔ kwan,+ na adonsuo nso ntɔeɛ.+ Wo moma so te sɛ ɔbaa dwamanfoɔ deɛ, na wonnim aniwuo.+ Yeremia 5:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 O Yehowa, ɛnyɛ nokorɛdie+ na w’ani hwɛ anaa? Woabobɔ wɔn,+ nanso ante wɔn.+ Wotɔree wɔn ase.+ Wɔpoo ntenesoɔ.+ Wɔmaa wɔn anim yɛɛ den senee ɔbotan.+ Wɔansan wɔn akyi.+ Yeremia 7:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Nanso wɔantie me, wɔanyɛ asõ amma me,+ na wɔsenee wɔn kɔn.+ Wɔyɛɛ bɔne senee wɔn agyanom mpo!+ Hesekiel 2:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Mma a wɔn ani yɛ den+ na wɔn akoma apirim+—yeinom nkyɛn na meresoma woɔ, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie.’
9 Na ɔkaa sɛ: “O Yehowa, sɛ afei manya w’anim adom a, ɛnneɛ mesrɛ wo ka yɛn ho ma yɛnkɔ,+ ɛfiri sɛ nnipa yi kɔn asene.+ Yehowa, fa yɛn mfomsoɔ ne yɛn bɔne firi yɛn,+ na fa yɛn yɛ w’agyapadeɛ.”+
3 Ɛno nti wɔasi asusɔ kwan,+ na adonsuo nso ntɔeɛ.+ Wo moma so te sɛ ɔbaa dwamanfoɔ deɛ, na wonnim aniwuo.+
3 O Yehowa, ɛnyɛ nokorɛdie+ na w’ani hwɛ anaa? Woabobɔ wɔn,+ nanso ante wɔn.+ Wotɔree wɔn ase.+ Wɔpoo ntenesoɔ.+ Wɔmaa wɔn anim yɛɛ den senee ɔbotan.+ Wɔansan wɔn akyi.+
4 Mma a wɔn ani yɛ den+ na wɔn akoma apirim+—yeinom nkyɛn na meresoma woɔ, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie.’