2 Berɛsosɛm 33:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Yehowa kasa kyerɛɛ Manase ne ne nkurɔfoɔ daa, nanso wɔantie.+ Yeremia 11:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase;+ mmom obiara nantee n’akoma+ bɔne atuateɛ mu. Ɛno nti, mede apam yi mu nsɛm, nsɛm a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnni so a wɔanni soɔ no nyinaa baa wɔn so.’” Yeremia 17:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase;+ wɔsenee wɔn kɔn+ sɛ wɔrentie na wɔrennye ntenesoɔ.”’+ Yeremia 25:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 “Ɛfiri Amon ba Yosia,+ Yuda hene no afe a ɛtɔ so dumiɛnsa so de bɛsi ɛnnɛ da yi, mfeɛ aduonu mmiɛnsa yi mu, Yehowa asɛm baa me nkyɛn, na mesɔree anɔpahema ne mo kasaeɛ; mekasaeɛ, nanso moantie.+
8 Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase;+ mmom obiara nantee n’akoma+ bɔne atuateɛ mu. Ɛno nti, mede apam yi mu nsɛm, nsɛm a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnni so a wɔanni soɔ no nyinaa baa wɔn so.’”
3 “Ɛfiri Amon ba Yosia,+ Yuda hene no afe a ɛtɔ so dumiɛnsa so de bɛsi ɛnnɛ da yi, mfeɛ aduonu mmiɛnsa yi mu, Yehowa asɛm baa me nkyɛn, na mesɔree anɔpahema ne mo kasaeɛ; mekasaeɛ, nanso moantie.+