Yeremia
25 Asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn Yuda man nyinaa ho wɔ Yuda hene Yehoiakim,+ Yosia ba no afe a ɛtɔ so nnan, kyerɛ sɛ, Babilon hene Nebukadresar afe a ɛdi kan no mu nie. 2 Saa berɛ no, odiyifoɔ Yeremia ka faa Yuda man nyinaa ne Yerusalemfoɔ nyinaa ho sɛ:
3 “Ɛfiri Amon ba Yosia,+ Yuda hene no afe a ɛtɔ so dumiɛnsa so de bɛsi ɛnnɛ da yi, mfeɛ aduonu mmiɛnsa yi mu, Yehowa asɛm baa me nkyɛn, na mesɔree anɔpahema ne mo kasaeɛ; mekasaeɛ, nanso moantie.+ 4 Na Yehowa somaa ne nkoa adiyifoɔ no nyinaa baa mo nkyɛn; ɔsɔree anɔpahema somaa wɔn, nanso moantie,+ na moanyɛ aso antie.+ 5 Wɔkaa sɛ, ‘Mo nyinaa, obiara nnane mfiri ne kwammɔne ho ne ne nneyɛɛ bɔne ho,+ na moatena asase a Yehowa de maa mo ne mo agyanom firi tete no so de akɔsi daa.+ 6 Na monnni anyame foforɔ akyi nnkɔsom wɔn nnkoto wɔn, na mommfa mo nsa ano adwuma no nnhyɛ me abufuo, na mamfa mmusuo amma mo so.’+
7 “‘Nanso moantie me,’ Yehowa asɛm nie, ‘na mode mo nsa ano adwuma no hyɛɛ me abufuo de mmusuo baa mo ho so.’+
8 “Enti deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘“Ɛsiane sɛ moantie me nsɛm nti, 9 hwɛ, meresoma ama wɔakɔfa atifi fam mmusua nyinaa aba,”+ Yehowa asɛm nie, “na mɛma Babilon hene Nebukadresar, m’akoa no aba.+ Mɛma wɔaba asase yi+ ne emu nnipa ne aman a atwa ho ahyia no nyinaa so;+ mɛsɛe wɔn na mama wɔayɛ ahodwirideɛ ne adeɛ a wɔhwɛ bɔ hwerɛma+ ne amamfõ de akɔsi daa.+ 10 Na mɛma ahosɛpɛ nne, ahurisie nne,+ ayeforɔkunu ne ayeforɔ nne,+ ne oyuyammoɔ nnyegyeeɛ+ agyae ama kanea hann+ ayera wɔn mu. 11 Na asase yi nyinaa bɛdane amamfõ ne ahodwirideɛ, na aman yi bɛsom Babilon hene mfirinhyia aduɔson.”’+
12 “‘Na sɛ mfirinhyia aduɔson no ba awieeɛ+ a,’ Yehowa asɛm nie, ‘mɛma Babilon hene ne ɔman no,+ Kaldeafoɔ asase no,+ abu akonta, wɔn amumuyɔ ho, na mɛdane no amamfõ akɔsi daa.+ 13 Na mɛma me nsɛm a maka atia wɔn no nyinaa aba asase no so, nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma yi mu nyinaa a Yeremia ahyɛ ho nkɔm atia amanaman nyinaa no.+ 14 Na wɔn na wɔne aman pii ne ahemfo akɛseɛ,+ de me nkurɔfoɔ ayɛ nkoa ama wɔsom wɔn,+ na mɛtua wɔn ka sɛdeɛ wɔn nneyɛɛ ne wɔn nsa ano adwuma teɛ.’”+
15 Na deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka akyerɛ me nie: “Gye abufuo nsã kuruwa yi me nsam, na ma aman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom.+ 16 Ma wɔnnom na wɔnyɛ tentann na wɔnyɛ sɛ abɔdamfoɔ, nkrantɛ a mede reba wɔn soɔ no nti.”+
17 Enti megyee Yehowa nsam kuruwa no na memaa aman a Yehowa somaa me wɔn nkyɛn no nyinaa nomeeɛ;+ 18 aman no ne, Yerusalem ne Yuda nkuro ne n’ahemfo ne ne mpanimfoɔ, sɛ wɔnsɛe wɔn na wɔnyɛ ahodwirideɛ+ ne adeɛ a wɔhwɛ bɔ hwerɛma ne nnome, sɛdeɛ ɛreba nnɛ yi;+ 19 Egypt hene Farao ne n’asomfoɔ ne ne mpanimfoɔ ne ne manfoɔ nyinaa;+ 20 firamanfiramanfoɔ no nyinaa ne Us+ asase so ahemfo nyinaa ne Filistifoɔ+ asase so ahemfo nyinaa ne Askelon+ ne Gasa+ ne Ekron+ ne Asdod+ nkaeɛ; 21 Edom+ ne Moab+ ne Ammonfoɔ;+ 22 Tiro+ ahemfo nyinaa ne Sidon+ ahemfo nyinaa ne nsuano man a ɛwɔ ɛpo fam no so ahemfo; 23 Dedan+ ne Tema+ ne Bus ne nnipa a wɔatwitwa wɔn abɔdwesɛ+ no nyinaa; 24 Arabiafoɔ+ ahemfo nyinaa ne firamanfiramanfoɔ a wɔte serɛ soɔ no ahemfo nyinaa; 25 Simri ahemfo nyinaa ne Elam+ ahemfo nyinaa ne Mediafoɔ+ ahemfo nyinaa; 26 atifi fam ahemfo a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyiri no nyinaa, obiara bɛnom bi, wɔne wiase ahennie a ɛwɔ asase soɔ nyinaa; sɛ wɔwie a, Sesak+ hene nso bɛnom bi.
27 “Afei ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Monnom na mommobo, na momfefe, na monhwehwe ase na monnsɔre bio,+ nkrantɛ a mede reba mo soɔ nti.”’+ 28 Na sɛ ɛba sɛ wɔmpɛ sɛ wɔgye wo nsam kuruwa no nom a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Nom deɛ, mobɛnom.+ 29 Na hwɛ, kuro a me din da soɔ no mpo na merema mmusuo no afiri aseɛ wɔ hɔ yi,+ na mo na mobɛfa mo ho adie anaa?”’+
“‘Moremfa mo ho nni, na nkrantɛ na merefrɛ aba asase sofoɔ nyinaa soɔ,’ asafo Yehowa asɛm nie.
30 “Na wo deɛ, hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm kyerɛ wɔn, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yehowa firi sorosoro bɛbobom,+ na ɔbɛma ne nne so afiri ne tenabea kronkron hɔ.+ Ɔbɛbobom agu n’atenaeɛ no so. Wɔn a wɔtiatia nsã-kyi-amena soɔ nteamu na ɔde bɛkeka mu agu asase sofoɔ nyinaa soɔ.’+
31 “‘Hooyɛ bɛduru asase ano nohoa, na Yehowa ne amanaman no wɔ asɛm.+ Ɔno na ɔne ɔhonam nyinaa bɛham.+ Nnebɔneyɛfoɔ deɛ, ɔde wɔn bɛma nkrantɛ,’+ Yehowa asɛm nie.
32 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, mmusuo bɛfiri ɔman so akɔ ɔman so,+ na ahum kɛseɛ bɛtu afiri asase ano nohoa.+ 33 Na wɔn a Yehowa bɛkunkum wɔn saa da no bɛgugu hɔ afiri asase ano akɔpem asase ano.+ Wɔrenyɛ wɔn ayie, wɔremmoa wɔn ano, na wɔrensie wɔn nso.+ Wɔbɛyɛ sɛ sumina wɔ asase ani.’+
34 “Nnwanhwɛfoɔ, monsu na monteateam!+ Mo, nnwankuo mu atitire nso,+ mommunimuni,+ na mo kum ne mo hweteɛ nna aduru,+ na mobɛbɔ fam sɛ ɛsɛn a ɛsom boɔ!+ 35 Na dwankɔbea abɔ nnwanhwɛfoɔ no, na nnwankuo mu atitire no nnya baabi nnwane mfa.+ 36 Montie nnwanhwɛfoɔ no sũ ne nnwankuo mu atitire no nkekamu, na Yehowa resɛe wɔn adidibea no. 37 Na Yehowa abufuhyeɛ nti, asomdwoeɛ tenabea hɔ ayɛ komm.+ 38 Atirimuɔden nkrantɛ ne n’abufuhyeɛ+ no nti, wagya ne huntabea sɛ gyataforɔ,+ na wɔn asase ayɛ ahodwirideɛ.”