30 “‘Enti Israel fie, mɛbu mo atɛn sɛdeɛ obiara akwan teɛ,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.+ ‘Ne saa nti monsan na monnane mfiri mo akwammɔne nyinaa so,+ na mommma biribiara nnto mo suntidua nnkɔ bɔne mu.+
2 mɛboaboa amanaman nyinaa nso ano+ de wɔn asiane aba Yehosafat bɔn+ no mu. Me man ne m’agyapadeɛ Israel nti, me ne wɔn bɛdi asɛm wɔ hɔ,+ ɛfiri sɛ wɔabɔ wɔn ahwete amanaman no mu, na wɔakyɛ m’asase afa.+