Yoel
3 “Hwɛ! Nna no mu,+ berɛ a mede Yuda ne Yerusalem atukɔfoɔ bɛsan aba+ no, 2 mɛboaboa amanaman nyinaa nso ano+ de wɔn asiane aba Yehosafat bɔn+ no mu. Me man ne m’agyapadeɛ Israel nti, me ne wɔn bɛdi asɛm wɔ hɔ,+ ɛfiri sɛ wɔabɔ wɔn ahwete amanaman no mu, na wɔakyɛ m’asase afa.+ 3 Wɔbɔɔ me man so ntonto,+ wɔde abarimaa gyee odwamanfoɔ,+ na wɔde abaayewa tɔɔ bobesa nomeeɛ.
4 “Na mo, Tiro ne Sidon+ ne Filistia nkuro nyinaa nso,+ ɛdeɛn na me ne mo wɔ yɛ? Deɛ moreyɛ de atua me ka nie? Sɛ saa na moreyɛ me a, ɛnneɛ deɛ moreyɛ no, mede ahoɔherɛ bɛyɛ ntɛm ayɛ bi atua mo ka.+ 5 Moafa me dwetɛ ne me sika kɔkɔɔ,+ na mode m’afɛfɛdeɛ pa akɔgu mo asɔredan mu;+ 6 Yuda mma ne Yerusalem mma nso, moatɔn wɔn+ ama Helafoɔ+ sɛ wɔntu wɔn mfiri wɔn asase so nkɔ akyirikyiri;+ 7 ɛno nti mɛma wɔafiri baabi a motɔn wɔn kɔeɛ no aba,+ na deɛ moyɛeɛ no mayɛ bi atua mo ka.+ 8 Na mɛtɔn mo mma mmarima ne mo mma mmaa ahyɛ Yuda mma nsa,+ na wɔbɛtɔn wɔn ama Sabafoɔ,+ ɔman a ɛwɔ akyirikyiri,+ Yehowa na aka.
9 “Mommɔ dawuro amanaman mu+ sɛ, ‘Monte ɛko ho! Monkanyan ahoɔdenfoɔ!+ Momma wɔntwe mmɛn! Mmarima a wɔkɔ ɔsa no nyinaa, momma wɔmmra!+ 10 Momfa mo nsɔ nyɛ nkrantɛ na momfa mo kantankrankyi+ nyɛ mpea. Deɛ ɔyɛ mmerɛ no, ma no nka sɛ: “Meyɛ ɔhoɔdenfoɔ.”+ 11 Aman a moatwa ahyia nyinaa,+ obiara mmoa ne yɔnko, na mommɛhyia.’”+
O Yehowa, ɛhɔ na fa w’ahoɔdenfoɔ no bra.+
12 “Momma amanaman no nsɔre mmra Yehosafat bɔn+ no mu, na ɛhɔ na mɛtena abu amanaman a atwa ahyia nyinaa atɛn.+
13 “Monto kantankrankyi,+ na afuo no ahoa.+ Mommra, monsiane, ɛfiri sɛ nsã-kyi-amena no ayɛ ma.+ Adeɛ a wɔkyĩ nsã wom no ayɛ ma abu so; wɔn bɔne adɔɔso.+ 14 Nnipadɔm, nnipadɔm wɔ atemmuo bɔn no mu,+ na Yehowa da no abɛn, atemmuo bɔn no mu.+ 15 Awia ne bosome bɛdane sum, na nsoromma bɛgyae hyerɛn.+ 16 Yehowa bɛbobom afiri Sion, na ɔbɛma ne nne so afiri Yerusalem.+ Ɔsoro ne asase bɛwoso,+ nanso Yehowa bɛyɛ dwankɔbea ama ne man,+ ne abandenden ama Israel mma.+ 17 Mobɛhunu sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn+ a mete Sion, me bepɔ kronkron+ no so. Na Yerusalem bɛyɛ kronkronbea,+ na ananafoɔ rentwam mfa hɔ bio.+
18 “Saa da no, ɛbɛba sɛ mmepɔ bɛsosɔ nsã dɔkɔdɔkɔ;+ nkokoɔ bɛsene nufosuo, na nsuo asene Yuda nsubɔn nyinaa mu. Nsuo aniwa bɛpue afiri Yehowa fie,+ na ɛbɛgugu Ɔkanto Nnua+ bɔn no so nsuo. 19 Egypt deɛ, ɛbɛdane amamfõ,+ na Edom nso adane serɛ pradaa,+ ɛfiri sɛ wɔde atirimuɔdensɛm dii Yuda mma, na wɔhwiee mogya a ɛdi bem guu wɔn asase so.+ 20 Na Yuda deɛ, nnipa bɛtena hɔ daa,+ na Yerusalem nso bɛtena hɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+ 21 Na wɔn mogya a mammu no sɛ ɛdi bem no, mɛbu no bem,+ na Yehowa bɛtena Sion.”+