8 Ɛkwan bi, kwantempɔn bi bɛda hɔ;+ na wɔbɛfrɛ no Ɛkwan Kronkron.+ Na deɛ ne ho nteɛ remfa so.+ Wɔn a wɔfata sɛ wɔfa kwan no soɔ na wɔbɛfa soɔ, na nkwaseafoɔ remfa so.
15 “Hwɛ, deɛ ɔde asɛmpa ba, deɛ ɔka asomdwoeɛsɛm, ne nan wɔ mmepɔ so.+ Yuda, di w’afahyɛ.+ Bɔ a woahyɛ no, tua,+ ɛfiri sɛ ohuhuni biara rentwam mfa wo mu bio.+ Wɔbɛtwa no afiri hɔ koraa.”+
21 Na kukuo biara a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda no bɛyɛ kronkron ama asafo Yehowa, na wɔn a wɔbɛbɔ afɔdeɛ no nyinaa bɛba abɛfa bi anoa mu.+ Na saa da no wɔrenhunu Kanaanni+ biara wɔ asafo Yehowa fie.”+
27 Nanso adehunu biara ne obiara a ɔkɔ so yɛ akyiwadeɛ+ bi anaa ɔtwa nkontompo+ no remma mu da,+ gye wɔn a wɔatwerɛ wɔn din wɔ Adwammaa no nkwa nwoma no mu no nko ara.+