Dwom 37:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Aka kakraa bi na ɔdebɔneyɛfoɔ nni hɔ bio;+Na wohwehwɛ ne tenabea a, na ɔnni hɔ.+ Dwom 109:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Ma n’asefoɔ ase ntɔre.+Ma wɔmpepa wɔn din mfiri nkyirimma a wɔbɛba no mu.+ Mateo 25:46 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 46 Na yeinom bɛfiri hɔ akɔ daa ɔsɛeɛ mu,+ na wɔn a wɔtene no bɛkɔ daa nkwa mu.”+