1 Samuel 2:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Hwɛ! Nna bi reba a mɛtwa wo basa ne wo nana fie basa atwene, na akɔkoraa renka wo fie.+ 2 Ahemfo 10:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Afei nso, Yehu kunkum obiara a ɔkaa Ahab fie wɔ Yesreel ne n’akunini+ ne ne mfɛfoɔ ne n’asɔfoɔ+ nyinaa, na obiara anka amma no bio.+ Dwom 37:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Yehowa dɔ atɛntenenee,+Na ɔrennya n’anokwafoɔ.+ ע [ʽAʹyin]Ɔbɛhwɛ wɔn so+ daa;Na nnebɔneyɛfoɔ asefoɔ deɛ, wɔbɛyi wɔn hɔ.+ Yeremia 22:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Deɛ Yehowa aka nie, ‘Montwerɛ no ɔbarima yi ho sɛ obi a ɔnni ba,+ ɔbarima a ɛrensi no yie wɔ ne nna mu, ɛfiri sɛ n’aseni biara nni hɔ a ɛbɛsi no yie+ ama no atena Dawid ahennwa so+ adi adeɛ wɔ Yuda bio.’”
11 Afei nso, Yehu kunkum obiara a ɔkaa Ahab fie wɔ Yesreel ne n’akunini+ ne ne mfɛfoɔ ne n’asɔfoɔ+ nyinaa, na obiara anka amma no bio.+
28 Yehowa dɔ atɛntenenee,+Na ɔrennya n’anokwafoɔ.+ ע [ʽAʹyin]Ɔbɛhwɛ wɔn so+ daa;Na nnebɔneyɛfoɔ asefoɔ deɛ, wɔbɛyi wɔn hɔ.+
30 Deɛ Yehowa aka nie, ‘Montwerɛ no ɔbarima yi ho sɛ obi a ɔnni ba,+ ɔbarima a ɛrensi no yie wɔ ne nna mu, ɛfiri sɛ n’aseni biara nni hɔ a ɛbɛsi no yie+ ama no atena Dawid ahennwa so+ adi adeɛ wɔ Yuda bio.’”