Yeremia
22 Deɛ Yehowa aka nie: “Sim kɔ Yuda hene fie na kɔka asɛm yi wɔ hɔ. 2 Ka sɛ, ‘O Yuda hene a wote Dawid ahennwa soɔ,+ tie Yehowa asɛm, wo ne wo nkoa ne wo manfoɔ a wɔfa aponkɛseɛ yi mu ba mu no.+ 3 Deɛ Yehowa aka nie: “Mommu atɛntenenee na monyɛ adetenenee, na monnye deɛ wɔresisi no mfiri osisifoɔ nsam; monnteetee ɔhɔhoɔ, agyanka anaa okunafoɔ biara.+ Monnni wɔn so atirimuɔdensɛm.+ Monnka mogya a ɛdi bem biara nngu wɔ ha.+ 4 Sɛ mohwɛ di asɛm yi so a, ɛnneɛ ahemfo a wɔbɛtena Dawid ahennwa soɔ+ bɛfa fie yi apono mu aba mu, na obiara bɛtena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, ɔne ne nkoa ne ne manfoɔ.”’+
5 “‘Na sɛ moantie nsɛm yi a,’ Yehowa asɛm nie, ‘meka me ho ntam+ sɛ efie yi bɛsɛe pasaa.’+
6 “Deɛ Yehowa aka no Yuda hene fie ho nie, ‘Wote sɛ Gilead ma me, Lebanon+ ti. Nanso mɛma woadane serɛ so;+ obi rentena nkuro no baako mpo mu.+ 7 Mɛhyira asɛefoɔ so aba wo so,+ obiara de n’akodeɛ bɛba,+ na wɔbɛtwitwa ntweneduro+ a ɛyɛ papa no na wɔde agu gya+ mu. 8 Na aman pii bɛtwam kuro yi ho, na obiara bɛbisa ne yɔnko sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa yɛɛ kuro kɛseɛ yi sei?”+ 9 Na wɔbɛka sɛ: “Ɛfiri sɛ wɔagya Yehowa, wɔn Nyankopɔn no apam,+ na wɔakɔkoto anyame foforɔ asom wɔn.”’+
10 “Monnsu deɛ wawuo no,+ na monnnyam no. Deɛ ɔrekɔ no mmom na monte nisuo mma no ɛfiri sɛ ɔrensan mma, na ɔrenhunu n’abusuafoɔ asase bio. 11 Deɛ Yehowa aka no Yosia ba Salum,+ Yuda hene a ɔdi ne papa Yosia adeɛ,+ a wafiri ha korɔ no ho nie, ‘Ɔrensan mma ha bio. 12 Baabi a wɔafa no kɔ nkoasom mu no, ɛhɔ na ɔbɛwuo, na ɔrenhunu asase yi bio.’+
13 “Nnome nka deɛ ɔsi ne fie+ nanso ɛnyɛ tenenee soɔ, na ɔsi n’abansoro nanso ɛnyɛ atɛntenenee soɔ, deɛ ɔma ne yɔnko nipa yɛ adwuma kwa a ɔmfa n’akatua mma no;+ 14 ɔno na ɔka sɛ, ‘Mɛsi fie a emu sõ na ɛwɔ abansoro adan akɛseɛ,+ na mɛtrɛ ne mpomma mu, mede ntweneduro bɛsam mu,+ na mede adukɔkɔɔ+ aka mu.’ 15 Ntweneduro a wode hoahoa wo ho nti, ɛyɛ wo sɛ wobɛkɔ so adi hene? Wo papa annidi annom na wammu atɛntenenee anyɛ adetenenee+ anaa? Ɛno nti ɛsii no yie.+ 16 Ɔdii mmɔborɔni ne ohiani asɛm maa no.+ Ɛno nti ɛsii no yie. ‘Ɛnyɛ nim a ɔnim me nti na ɔyɛɛ saa?’ Yehowa asɛm nie. 17 ‘Wo deɛ, w’ani ne w’akoma nni biribiara so sɛ mfaso bɔne,+ ne nnipa a wɔn ho nni asɛm mogya a wobɛhwie aguo,+ ne nsisie ne apoobɔ.’
18 “Enti deɛ Yehowa aka no Yosia ba Yehoiakim+ a ɔyɛ Yuda hene ho nie, ‘Wɔrennyam no sɛ: “O me nuabarima! O me nuabaa!” Wɔrennyam no sɛ: “O yɛn wura! O onimuonyamfoɔ!”+ 19 Wɔbɛsie no sɛdeɛ wɔsie afunumu,+ wɔbɛtwe no akɔto no atwene Yerusalem kuro apono akyi nohoa.’+
20 “Foro kɔ Lebanon+ kɔsu, na ma wo nne so wɔ Basan.+ Team firi Abarim,+ ɛfiri sɛ w’adɔfo nyinaa abubu.+ 21 Mekasa kyerɛɛ wo w’asomdwoeɛ berɛ mu.+ Nanso wokaa sɛ, ‘Merentie.’+ Saa ara na woayɛ firi wo mmɔfraase, na woantie me.+ 22 Mframa na ɛbɛyɛn wo nnwanhwɛfoɔ,+ na w’adɔfo nso, nkoasom mu na wɔbɛkorɔ.+ Saa berɛ no, w’ani bɛwu na animguaseɛ aka wo, w’amanehunu no nyinaa nti.+ 23 O wo a wote Lebanon,+ woayɛ wo pirebuo ntweneduro+ mu. Sɛ awoko+ ne awoɔ yea ba wo so sɛ ɔbaa a awoɔ aka no a,+ hwɛ sɛdeɛ wobɛgu ahome!”
24 “‘Sɛ́ mete aseɛ yi,’ Yehowa asɛm nie, ‘sɛ Yehoiakim+ ba, Yuda hene Konia+ yɛ me nsa nifa nsɔanokaa+ mpo a, mɛyi wo afiri hɔ!+ 25 Na mede wo bɛhyɛ wɔn a wɔrehwehwɛ wo kra+ no nsa ne wɔn a wosuro wɔn no nsa ne Babilon hene Nebukadresar nsa ne Kaldeafoɔ no nsa.+ 26 Mɛtu wo ne wo maame+ a ɔwoo woɔ akɔ asase a wɔanwo mo soɔ no so, na ɛhɔ na mobɛwuo.+ 27 Na asase a wɔn kra bɛpɛ sɛ wɔsan ba soɔ no, wɔrensan mma so bio.+ 28 Ɔbarima Konia+ yi te sɛ anwenneɛ a wɔmmuo a abubu pasaa+ anaa kukuo a obiara ani nnye ho anaa?+ Adɛn nti na wɔretu ɔne n’asefoɔ aguo, na wɔde wɔn akɔgu asase a wɔnnim soɔ so?’+
29 “O asase, asase, asase, tie Yehowa asɛm.+ 30 Deɛ Yehowa aka nie, ‘Montwerɛ no ɔbarima yi ho sɛ obi a ɔnni ba,+ ɔbarima a ɛrensi no yie wɔ ne nna mu, ɛfiri sɛ n’aseni biara nni hɔ a ɛbɛsi no yie+ ama no atena Dawid ahennwa so+ adi adeɛ wɔ Yuda bio.’”