16 Na Babilon hene de mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔn ho yɛ den nyinaa, nnipa mpemnson, ne adwumfoɔ ne abantofoɔ apem, ne mmarima a wɔkɔ ɔsa nyinaa kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon.+
12 Ɛsiane sɛ yɛn agyanom hyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn no abufuo+ nti, ɔde wɔn hyɛɛ+ Babilon hene Nebukadnesar,+ Kaldeani+ no nsa, na ɔdwirii fie yi guiɛ,+ na ɔde ɔman no kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon.+
24Yehowa maa mehwɛeɛ, na mehunuu borɔdɔma nkɛntɛn mmienu wɔ Yehowa asɔrefie no anim. Saa berɛ no, na Babilon hene Nebukadresar afa Yehoiakim+ ba Yekonia,+ Yuda hene no ne Yuda mpanimfoɔ ne adwumfoɔ+ ne abantofoɔ no afiri Yerusalem de wɔn kɔ Babilon.+
20 deɛ Babilon hene Nebukadnesar gyaeɛ berɛ a ɔbɛfaa Yehoiakim ba Yekonia+ a ɔyɛ Yuda hene no ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma nyinaa firii Yerusalem kɔɔ nkoasom mu+ no,
2 Ɔde kɔɔ berɛ a Ɔhene Yekonia+ ne ɔbaapanin+ ne ahemfie mpanimfoɔ ne Yuda ne Yerusalem mpanimfoɔ+ ne adwumfoɔ ne abantofoɔ+ no firi Yerusalem kɔeɛ no akyi.