2 Ahemfo 24:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Akyire yi, Yuda hene Yehoiakin firii adi kɔɔ Babilon+ hene nkyɛn, ɔne ne maame+ ne n’asomfoɔ ne ne mmapɔmma ne n’ahemfie mpanimfoɔ; Babilon hene faa no dommum, n’ahennie afe a ɛtɔ so nwɔtwe mu.+ Ester 2:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Na Mordekai ka nnipa a Babilon hene Nebukadnesar+ faa wɔn nnommum+ firii Yerusalem kaa Yuda hene Yekonia+ ho kɔeɛ no ho. Hesekiel 19:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Afei wɔde akɔtɔkorɔ twee no kɔhyɛɛ buo mu de no kɔmaa Babilon hene.+ Na wɔde atena twee no kɔeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔnte ne nne wɔ Israel mmepɔ+ so bio.
12 Akyire yi, Yuda hene Yehoiakin firii adi kɔɔ Babilon+ hene nkyɛn, ɔne ne maame+ ne n’asomfoɔ ne ne mmapɔmma ne n’ahemfie mpanimfoɔ; Babilon hene faa no dommum, n’ahennie afe a ɛtɔ so nwɔtwe mu.+
6 Na Mordekai ka nnipa a Babilon hene Nebukadnesar+ faa wɔn nnommum+ firii Yerusalem kaa Yuda hene Yekonia+ ho kɔeɛ no ho.
9 Afei wɔde akɔtɔkorɔ twee no kɔhyɛɛ buo mu de no kɔmaa Babilon hene.+ Na wɔde atena twee no kɔeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔnte ne nne wɔ Israel mmepɔ+ so bio.