15 Saa na ɛyɛeɛ a ɔfaa Yehoiakin+ kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon,+ na ɔhene maame+ ne ɔhene yerenom ne n’ahemfie mpanimfoɔ+ ne asase no so atitire nso, ɔde wɔn firi Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon.
10 Na afe kɔ bɛhyiaeɛ+ no, Ɔhene Nebukadnesar soma+ maa wɔkɔfaa no baa Babilon,+ na wɔde Yehowa fie nneɛma a ɛsom boɔ kaa ne ho baeɛ.+ Na ɔde ne papa nua Sedekia+ sii Yuda ne Yerusalem so hene.+
28 Ɔbarima Konia+ yi te sɛ anwenneɛ a wɔmmuo a abubu pasaa+ anaa kukuo a obiara ani nnye ho anaa?+ Adɛn nti na wɔretu ɔne n’asefoɔ aguo, na wɔde wɔn akɔgu asase a wɔnnim soɔ so?’+
31 Berɛ a Yuda hene Yehoiakin+ kɔɔ nkoasom mu no, n’afe a ɛtɔ so aduasa nson, bosome a ɛtɔ so dumienu no da a ɛtɔ so aduonu nnum, afe a Babilon hene Ewil-Merodak bɛyɛɛ ɔhene no, ɔmaa Yuda hene Yehoiakin so+ firii nneduafie.