Yeremia
52 Sedekia+ bɛdii adeɛ+ no, na wadi mfeɛ aduonu baako, na ɔdii hene mfeɛ dubaako wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Hamutal+ a ɔyɛ Yeremia a ɔfiri Libna+ no ba. 2 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne+ sɛdeɛ Yehoiakim+ yɛeɛ no ara. 3 Nneɛma a ɛsisii Yerusalem ne Yuda yi na ɛmaa Yehowa bo fuiɛ, kɔsii sɛ ɔtoo wɔn firii n’anim tweneeɛ.+ Na Sedekia tee Babilon hene so atua.+ 4 Afei ɛbaa sɛ n’ahennie afe a ɛtɔ so nkron,+ bosome a ɛtɔ so du, bosome no da a ɛtɔ so du no, Babilon hene Nebukadresar baeɛ; ɔne n’asraafoɔdɔm nyinaa baa Yerusalem so+ bɛtwaa ho hyiaeɛ, na wɔsii akoban twaa ho nyinaa hyiaeɛ.+ 5 Wɔtwaa kuro no ho hyiaeɛ kɔsii Ɔhene Sedekia afe a ɛtɔ so dubaako mu.+
6 Bosome a ɛtɔ so nnan no da a ɛtɔ so nkron+ no, ɛkɔm no mu yɛɛ den wɔ kuro no mu; ná aduane bi nni hɔ mma ɔmanfoɔ no.+ 7 Ɛnna wɔtuu kuro no mu hyɛn mu,+ na mmarima a wɔkɔ ɔsa no nyinaa dwanee+ anadwo kɔfaa afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene turo+ ho no ntam pono no mu kɔeɛ; saa berɛ no, na Kaldeafoɔ no atwa kuro no ho nyinaa ahyia. Wɔde wɔn ani kyerɛɛ Araba.+ 8 Na Kaldea asraafoɔdɔm no de mmirika tĩĩ Sedekia,+ na wɔkɔtoo ɔhene+ no wɔ Yeriko asasetamaa no so; n’asraafoɔdɔm a wɔwɔ ne nkyɛn nyinaa hweteeɛ.+ 9 Ɛnna wɔkyee ɔhene no de no kɔmaa Babilon hene+ wɔ Ribla,+ Hamat+ asase so sɛ ɔmmu no atɛn.+ 10 Babilon hene kunkum Sedekia mma mmarima wɔ n’anim,+ na ɔkunkum Yuda mpanimfoɔ no nyinaa nso wɔ Ribla.+ 11 Na Sedekia nso, ɔbobɔɔ n’ani.+ Afei Babilon hene de kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na ɔde no kɔɔ Babilon+ kɔtoo afiase kɔsii ne wuda.
12 Bosome a ɛtɔ so nnum no da a ɛtɔ so du a ɛyɛ Ɔhene Nebukadresar,+ Babilon hene, no afe a ɛtɔ so dunkron no, awɛmfoɔ so panin Nebusaradan,+ a ɔgyina Babilon hene anim som no no baa Yerusalem. 13 Na ɔhyee Yehowa fie+ ne ahemfie no ne Yerusalem afie nyinaa;+ ɔde gya hyee efikɛseɛ biara.+ 14 Na Yerusalem afasuo a atwa ho ahyia nyinaa, Kaldea asraafoɔdɔm a wɔka awɛmfoɔ so panin no ho no nyinaa dwiri guiɛ.+
15 Mmɔborɔfoɔ a wɔwɔ ɔman no mu ne ɔmanfoɔ nkaeɛ a wɔgyaa wɔn kuro no mu,+ ne wɔn a wɔdane kɔɔ Babilon hene afã, ne adwumayɛfoɔ nkaeɛ a wɔn ho akokwa no, awɛmfoɔ so panin Nebusaradan de wɔn kɔɔ nkoasom mu.+ 16 Na awɛmfoɔ so panin Nebusaradan gyaa asase no so mmɔborɔfoɔ no bi sɛ wɔnyɛ bobe nturo mu adwumayɛfoɔ ne apaafoɔ.+
17 Na Yehowa fie hɔ kɔbere adum+ ne nsutwe nnaka+ ne kɔbere po+ a ɛwɔ Yehowa fie hɔ no, Kaldeafoɔ no bubuu no asinasini, na wɔde ɛho kɔbere no nyinaa kɔɔ Babilon.+ 18 Na deɛ wɔde sesa nsõ ne sofi+ ne adumgya+ ne nyaawa+ ne nkuruwa ne kɔbere nneɛma a wɔde som no nyinaa, wɔsesa kɔeɛ.+ 19 Na asɛn+ ne egya nkukuwa ne nyaawa+ ne deɛ wɔde sesa nsõ ne nkaneadua+ ne nkuruwa ne afɔrebɔ nyaawa a wɔde sika+ amapa ayɛ ne deɛ wɔde dwetɛ amapa+ ayɛ no, awɛmfoɔ so panin no sesa kɔeɛ.+ 20 Na adum+ mmienu no ne ɛpo+ baako no ne kɔbere anantwie dumienu+ a ɛpo no si wɔn akyi no, ne nsutwe nnaka no, Ɔhene Solomon na ɔyeyɛɛ no Yehowa fie+ hɔ. Nneɛma yi nyinaa ho kɔbere deɛ, wɔankari anhunu ne dodoɔ.+
21 Adum no, na ebiara tenten yɛ basafa dunwɔtwe,+ na basafa dumienu homa na ɛtwa ho hyia;+ ná ne pipiripie yɛ nsateaa nnan, na tokuro da mu. 22 Na wɔde kɔbere+ na ɛyɛɛ ɛso ntaasoɔ no; ntaasoɔ no baako tenten yɛ basafa nnum;+ atena ne granate akutuo a atwa ntaasoɔ no ho ahyia+ no, kɔbere na wɔde yɛɛ ne nyinaa; saa ara na edum a ɛtɔ so mmienu no ho atena ne granate akutuo no teɛ.+ 23 Ná granate akutuo a ɛwowɔ ho no yɛ aduɔkron nsia, nanso na granate akutuo a ɛsensɛn atena no soɔ nyinaa yɛ ɔha.+
24 Bio nso, awɛmfoɔ so panin no faa ɔsɔfo panin Seraia+ ne ɔsɔfoɔ Sefania+ a ɔdi ne soɔ ne apono ano ahwɛfoɔ mmiɛnsa no,+ 25 na kuro no mu nso, ɔfaa ahemfie panin baako a ɔda asraafoɔ ano, ne mmarima a wɔkɔ ɔhene anim+ no nson a wɔwɔ kuro no mu, ne ɔsahene no twerɛfoɔ a ɔboaboa dɔm ano wɔ asase no soɔ, ne ɔmanfoɔ no mu mmarima aduosia a wɔwɔ kuro no mu.+ 26 Yeinom na awɛmfoɔ so panin Nebusaradan+ de wɔn kɔmaa Babilon hene wɔ Ribla.+ 27 Na Babilon hene bobɔɔ wɔn+ kuu wɔn wɔ Ribla,+ Hamat+ asase so. Saa na ɛyɛeɛ a Yuda firii n’asase so kɔɔ nkoasom mu.+
28 Yeinom na Nebukadresar de wɔn kɔɔ nkoasom mu: afe a ɛtɔ so nson no mu, Yudafoɔ mpem mmiɛnsa ne aduonu mmiɛnsa.+
29 Nebukadresar+ afe a ɛtɔ so dunwɔtwe mu no, akra ahanwɔtwe aduasa mmienu na wɔfaa wɔn firii Yerusalem kɔeɛ.
30 Nebukadresar afe a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa mu no, Yudafoɔ a awɛmfoɔ so panin Nebusaradan faa wɔn kɔɔ nkoasom mu no yɛ akra ahanson aduanan nnum.+
Akra no nyinaa si mpemnan ne ahansia.
31 Berɛ a Yuda hene Yehoiakin+ kɔɔ nkoasom mu no, n’afe a ɛtɔ so aduasa nson, bosome a ɛtɔ so dumienu no da a ɛtɔ so aduonu nnum, afe a Babilon hene Ewil-Merodak bɛyɛɛ ɔhene no, ɔmaa Yuda hene Yehoiakin so+ firii nneduafie. 32 Na ɔkasaa ayamyɛ so kyerɛɛ no, na ɔmaa n’ahennwa so senee ahemfo a wɔaka a wɔka ne ho wɔ Babilon no nhennwa.+ 33 Na ɔyii n’afiase ntadeɛ,+ na ɔdidii+ n’anim daa, ne nkwa nna nyinaa.+ 34 Deɛ wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma no no, ɛfiri Babilon hene nkyɛn na wɔde maa no daa, da biara ne ne deɛ, ne nkwa nna nyinaa, kɔsii ne wuda.+