8 “‘Sɛdeɛ borɔdɔma a yɛ a ɛnyɛ nti wɔntumi nnie no teɛ no,+ Yehowa aka sɛ: “Saa na mɛyi Yuda hene Sedekia+ ne ne mpanimfoɔ ne Yerusalem nkaeɛ a wɔaka asase yi soɔ+ ne wɔn a wɔtete Egypt+ asase soɔ no ama—
21 Na mede Yuda hene Sedekia+ ne ne mpanimfoɔ bɛhyɛ wɔn atamfo nsa ne wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn kra no nsa ne Babilon hene+ asraafoɔdɔm a wɔrefiri mo ho akorɔ+ no nsa.’
17 Na Ɔhene Sedekia soma kɔfaa no baeɛ, na ɔhene bisabisaa no nsɛm wɔ ɔhene fie ahuntaeɛ mu.+ Na ɔbisaa no sɛ: “Asɛm bi a ɛfiri Yehowa nkyɛn wɔ hɔ anaa?” Ɛnna Yeremia kaa sɛ: “Aane, asɛm wɔ hɔ!” Na ɔtoaa so sɛ: “Wɔde wo bɛhyɛ Babilon hene nsa!”+
18 Na sɛ woamfiri adi ankɔ Babilon hene mpanimfoɔ no nkyɛn a, ɛnneɛ wɔde kuro yi bɛhyɛ Kaldeafoɔ nsa, na wɔde egya bɛhye,+ na wo nso worentumi nnwane mfiri wɔn nsam.’”+
5 Ɛnna Kaldeafoɔ asraafoɔdɔm no tĩĩ wɔn+ na wɔkɔkyee Sedekia wɔ Yeriko+ asasetamaa no so. Na wɔfaa no de no kɔmaa Babilon hene Nebukadresar wɔ Ribla,+ Hamat+ asase so sɛ ɔmmu no atɛn.+