Yeremia
39 Yuda hene Sedekia afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du+ no, Babilon hene Nebukadresar ne n’asraafoɔdɔm nyinaa baa Yerusalem so bɛtwaa ho hyiaeɛ.+
2 Sedekia afe a ɛtɔ so dubaako no mu, bosome a ɛtɔ so nnan, bosome no da a ɛtɔ so nkron na wɔbubuu kuro no afasuo no.+ 3 Na Babilon hene mpanimfoɔ yi nyinaa baa mu bɛtenatenaa mfimfini Pono+ no mu: Nergal-Sareser, Samgar-Nebo, Sarsekim, Rabsaris, Nergal-Sareser a ɔyɛ Rabmag, ne Babilon hene mpanimfoɔ a aka nyinaa.
4 Na ɛbaa sɛ berɛ a Yuda hene Sedekia ne mmarima a wɔkɔ ɔsa no nyinaa hunuu wɔn no, ntɛm ara na wɔdwane+ firii kuro no mu anadwo kɔfaa afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene turo+ ho no ntam pono no mu kɔeɛ, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Araba.+ 5 Ɛnna Kaldeafoɔ asraafoɔdɔm no tĩĩ wɔn+ na wɔkɔkyee Sedekia wɔ Yeriko+ asasetamaa no so. Na wɔfaa no de no kɔmaa Babilon hene Nebukadresar wɔ Ribla,+ Hamat+ asase so sɛ ɔmmu no atɛn.+ 6 Na Babilon hene kunkum+ Sedekia mma mmarima n’anim+ wɔ Ribla, na Babilon hene kunkum Yuda mmapɔmma nyinaa nso.+ 7 Na Sedekia nso, ɔbobɔɔ n’ani.+ Afei ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na ɔde no kɔɔ Babilon.
8 Na Kaldeafoɔ no de gya hyee ahemfie no ne ɔmanfoɔ no afie,+ na wɔdwirii Yerusalem afasuo no nso guiɛ.+ 9 Ɔmanfoɔ nkaeɛ a wɔgyaa wɔn wɔ kuro no mu ne wɔn a wɔdane kɔɔ n’afã ne nnipa a wɔaka no, awɛmfoɔ so panin+ Nebusaradan+ de wɔn kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon.+
10 Na awɛmfoɔ so panin Nebusaradan gyaa asase no so mmɔborɔfoɔ a wɔnni hwee no bi wɔ Yuda asase so.+ Ɛda no, ɔde bobe nturo maa wɔn, na wɔyɛɛ apaafoɔ adwuma.+
11 Afei nso Babilon hene Nebukadresar nam awɛmfoɔ so panin Nebusaradan so hyɛɛ no Yeremia ho sɛ: 12 “Momfa no na momma mo ani nku ne ho, na monnyɛ no bɔne biara.+ Na deɛ ɔbɛka akyerɛ mo no, monyɛ saa mma no.”+
13 Ɛnna awɛmfoɔ so panin Nebusaradan+ ne Nebusasban a ɔyɛ Rabsaris, ne Nergal-Sareser a ɔyɛ Rabmag ne Babilon hene atitire nyinaa somaeɛ; 14 wɔsoma kɔfaa Yeremia firii Awɛmfoɔ Aban+ mu hɔ na wɔde no maa Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ sɛ ɔmfa no nkɔ ne fie na ɔnkɔtena nkurɔfoɔ no mu.
15 Na Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn berɛ a wɔde no toom wɔ Awɛmfoɔ Aban+ mu no sɛ: 16 “Kɔ na kɔka kyerɛ Etiopiani Ebed-Melek+ sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Hwɛ, merema me nsɛm aba mu kuro yi so ama mmusuo aba so, na ɛrensi wɔn yie;+ ɛbɛsi w’anim saa da no.”’+
17 “‘Ɛda no, mɛgye wo,’+ Yehowa asɛm nie, ‘na wɔremfa wo nhyɛ nnipa a wosuro wɔn no nsa.’+
18 “‘Na fire na mɛma woafiri mu, na worentɔ nkrantɛ ano; wobɛnya wo kra sɛ asadeɛ,+ ɛfiri sɛ wode wo ho too me so,’+ Yehowa asɛm nie.”