40Asɛm firi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn berɛ a awɛmfoɔ so panin Nebusaradan+ de no firi Rama+ kɔeɛ no. Berɛ a ɔfaa no no, na wɔde abankaba agu ne nsa, na na ɔka Yerusalem ne Yuda nnommum a wɔde wɔn rekɔ nkoasom mu wɔ Babilon no nyinaa ho.+
12 Bosome a ɛtɔ so nnum no da a ɛtɔ so du a ɛyɛ Ɔhene Nebukadresar,+ Babilon hene, no afe a ɛtɔ so dunkron no, awɛmfoɔ so panin Nebusaradan,+ a ɔgyina Babilon hene anim som no no baa Yerusalem.