Yeremia
38 Na Mattan ba Sefatia, ne Pasur ba Gedalia, ne Selemia ba Yukal,+ ne Malkiya+ ba Pasur tee nsɛm a Yeremia reka kyerɛ ɔman+ no nyinaa sɛ: 2 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Onipa a ɔbɛtena kuro yi mu no, ɔno na nkrantɛ+ ne ɛkɔm+ ne owuyareɛ+ bɛku no. Na deɛ ɔbɛfiri adi akɔ Kaldeafoɔ no nkyɛn deɛ, ɔbɛnya nkwa; ɔbɛnya ne kra sɛ asadeɛ na watena nkwa mu.’+ 3 Deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, mede kuro yi bɛhyɛ Babilon hene asraafoɔdɔm nsa, na ɔbɛfa.’”+
4 Na mpanimfoɔ no keka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Ma wɔnkum ɔbarima yi,+ ɛfiri sɛ nsɛm a ɔrekeka kyerɛ mmarima a wɔkɔ ɔsa a wɔaka wɔ kuro yi mu ne ɔman no nyinaa no rema wɔn nsam ago.+ Ɔbarima yi mpɛ ɔman yi asomdwoeɛ na mmom mmusuo.” 5 Enti Ɔhene Sedekia kaa sɛ: “Hwɛ! Ɔwɔ mo nsam. Ɔhene ntumi nsi mo kwan biribiara ho.”+
6 Na wɔfaa Yeremia too no twenee ɔhene ba Malkiya abura+ a ɛwɔ Awɛmfoɔ Aban+ mu no mu. Wɔde ahoma sɔɔ Yeremia mu gyaagyaa no too mu. Ná nsuo nni abura no mu, na mmom atɛkyɛ, na Yeremia kɔwuraa atɛkyɛ no mu.+
7 Na Etiopiani+ Ebed-Melek a na ɔyɛ opiani a ɔwɔ ahemfie no tee sɛ wɔde Yeremia ato abura mu. Saa berɛ no, na ɔhene no te Benyamin Pono+ no ano. 8 Enti Ebed-Melek firii ahemfie hɔ ne ɔhene kɔkasaa sɛ: 9 “O me wura ɔhene, mmarima yi ayɛ bɔne wɔ deɛ wɔde ayɛ odiyifoɔ Yeremia no nyinaa mu sɛ wɔakɔto no atwene abura mu, ɛfiri sɛ ɛkɔm+ no nti, ɔbɛwu+ wɔ hɔ. Aduane bi nni kuro yi mu bio.”
10 Ɛnna ɔhene hyɛɛ Etiopiani Ebed-Melek sɛ: “Fa mmarima aduasa wɔ ha di w’akyi, na monkɔyi odiyifoɔ Yeremia mfiri abura no mu ansa na wawu.”+ 11 Enti Ebed-Melek faa mmarima a ɔda wɔn ano no, na wɔkɔɔ ahemfie adekoradan+ no ase kɔsesaa ntomago ne ntoma dada firii hɔ, na ɔde nhoma sosɔɔ mu gyaa mu maa Yeremia wɔ abura+ no mu. 12 Ɛnna Etiopiani Ebed-Melek ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Fa ntomago ne ntoma dada yi hyehyɛ ahoma no ase wɔ wo mmɔtoam.” Na Yeremia yɛɛ saa.+ 13 Enti wɔde nhoma no twetwee Yeremia yii no firii abura no mu. Na Yeremia kɔɔ so tenaa Awɛmfoɔ Aban+ no mu.
14 Na Ɔhene Sedekia soma kɔfaa odiyifoɔ Yeremia baa ne nkyɛn+ wɔ aboboano kwan a ɛtɔ so mmiɛnsa+ no so, Yehowa fie+ hɔ. Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Merebisa wo asɛm bi. Mfa biribiara nsie me.”+ 15 Na Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: “Sɛ meka kyerɛ wo a, ɛnyɛ kum na wobɛku me? Na sɛ metu wo fo nso a, worentie.”+ 16 Afei Ɔhene Sedekia kaa Yeremia ntam ahuntaeɛ mu sɛ: “Sɛ́ Yehowa a ɔbɔɔ yɛn kra+ yi te aseɛ yi, merenku wo, na meremfa wo nhyɛ mmarima a wɔrehwehwɛ wo kra no nsa.”+
17 Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: “Deɛ Yehowa, asafo Nyankopɔn,+ Israel Nyankopɔn+ no aka nie, ‘Sɛ wobɛfiri adi akɔ Babilon hene+ mpanimfoɔ nkyɛn deɛ a, wo kra bɛtena nkwa mu, na wɔremfa egya nhye kuro yi, na wo ne wo fiefoɔ nso bɛtena nkwa mu.+ 18 Na sɛ woamfiri adi ankɔ Babilon hene mpanimfoɔ no nkyɛn a, ɛnneɛ wɔde kuro yi bɛhyɛ Kaldeafoɔ nsa, na wɔde egya bɛhye,+ na wo nso worentumi nnwane mfiri wɔn nsam.’”+
19 Ɛnna Ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Mesuro Yudafoɔ a wɔadane kɔ Kaldeafoɔ no afã no;+ anhwɛ a wɔbɛyi me ahyɛ wɔn nsa ama wɔayɛ me basabasa.”+ 20 Na Yeremia kaa sɛ: “Wɔrenyɛ wo saa. Tie Yehowa asɛm a mereka akyerɛ woɔ yi, na ɛbɛsi wo yie+ ama wo kra atena nkwa mu. 21 Na sɛ woamfiri adi ankɔ wɔn nkyɛn a,+ deɛ Yehowa ayi akyerɛ me nie: 22 Hwɛ! mmaa a wɔaka wɔ Yuda hene fie nyinaa,+ wɔde wɔn bɛfiri adi abrɛ Babilon hene mpanimfoɔ,+ na wɔbɛka sɛ,
‘Wɔn a wɔne wo te asomdwoeɛ mu no adaadaa wo,+ na wɔadi wo so.+
Wɔama wo nan amem atɛkyɛ mu; wɔde wɔn ani akyerɛ baabi foforɔ koraa.’+
23 Wɔde wo yerenom ne wo mma nyinaa bɛfiri adi abrɛ Kaldeafoɔ no, na wo nso, worentumi nnwane mfiri wɔn nsam.+ Babilon hene nsa bɛsɔ wo mu, na wo nti, wɔde gya bɛhye kuro yi.”+
24 Ɛnna Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Mma obiara nnte asɛm yi ho hwee na woanwu. 25 Na ɛba sɛ mpanimfoɔ+ no te sɛ me ne wo akasa a, ebia wɔbɛba wo nkyɛn abɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Yɛsrɛ wo, ka asɛm a woka kyerɛɛ ɔhene no kyerɛ yɛn, mfa hwee nsie yɛn, na yɛrenku wo. Ɛdeɛn na ɔhene ka kyerɛɛ woɔ?’ 26 Sɛ ɛba saa a, wo nso ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Mede m’adesrɛ kɔtoo ɔhene anim sɛ ɔmmfa me nnkɔ Yehonatan+ fie hɔ bio na manwu wɔ hɔ.’”
27 Akyire yi, mpanimfoɔ no nyinaa baa Yeremia nkyɛn bɛbisabisaa no nsɛm. Na ɔno nso ne wɔn kasaa sɛdeɛ nsɛm a ɔhene hyɛeɛ no nyinaa teɛ.+ Enti wɔanka hwee bio n’anim, ɛfiri sɛ obiara ante asɛm no. 28 Na Yeremia kɔɔ so tenaa Awɛmfoɔ Aban+ mu hɔ kɔsii da a wɔko faa Yerusalem.+ Ɛbaa mu berɛ a wɔfaa Yerusalem+ no.