Yeremia
37 Na Yosia+ ba Ɔhene Sedekia+ a Babilon hene Nebukadresar sii no hene Yuda+ asase soɔ no, ɔbɛsii Yehoiakim+ ba Konia+ anan dii adeɛ. 2 Na ɔno ne ne nkoa ne asase no so nnipa antie Yehowa asɛm+ a ɔnam odiyifoɔ Yeremia so kaeɛ no.+
3 Ɔhene Sedekia somaa Selemia ba Yehukal+ ne ɔsɔfoɔ Maaseia+ ba Sefania+ kɔɔ odiyifoɔ Yeremia nkyɛn sɛ: “Yɛsrɛ wo, bɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn no mpaeɛ ma yɛn.”+ 4 Saa berɛ no, na Yeremia di ɔman no mu akɔneaba,+ ɛfiri sɛ na wɔmfaa no ntoo afiase. 5 Na Farao asraafoɔdɔm firi Egypt+ baeɛ, na Kaldeafoɔ a wɔabɛtwa Yerusalem ho ahyia no teeɛ. Enti wɔtwee wɔn ho firii Yerusalem kɔeɛ.+ 6 Ɛnna Yehowa asɛm baa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn sɛ: 7 “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Monkɔka nkyerɛ Yuda hene a ɔsomaa mo bɛbisaa me hɔ adeɛ no+ sɛ: “Hwɛ! Farao asraafoɔdɔm a wɔafiri adi reba mo nkyɛn abɛboa mo no bɛsan akɔ wɔn asase so wɔ Egypt.+ 8 Kaldeafoɔ no bɛsan aba na wɔne nkuro yi abɛko afa na wɔde egya ahye.”+ 9 Deɛ Yehowa aka nie: “Monnnaadaa mo kra+ na monnka sɛ, ‘Kaldeafoɔ no bɛfiri yɛn so akɔ,’ ɛfiri sɛ wɔrenkɔ. 10 Sɛ mokunkum Kaldeafoɔ asraafoɔdɔm a wɔne mo reko+ no nyinaa ma ɛka wɔn mu apirafoɔ+ mpo a, wɔbɛsɔre afiri wɔn ntomadan mu mmaako mmaako na wɔde gya abɛhye kuro yi.”’”
11 Na berɛ a Farao+ asraafoɔdɔm nti Kaldeafoɔ asraafoɔdɔm twee wɔn ho firii Yerusalem kɔeɛ no,+ 12 Yeremia siim sɛ ɔrefiri Yerusalem akɔ Benyamin+ asase so na wakɔgye ne kyɛfa wɔ ne nkurɔfoɔ mu. 13 Na berɛ a ɔduruu Benyamin Pono+ no ano no, ɔkɔtoo ɔpanin a ɔhwɛ hɔ a wɔfrɛ no Yiria, Hanania ba Selemia ba no wɔ hɔ. Ɛhɔ ara na ɔsɔɔ odiyifoɔ Yeremia mu sɛ: “Kaldeafoɔ afã na woredane akorɔ!” 14 Na Yeremia kaa sɛ: “Ɛnyɛ nokorɛ!+ Mennane nkɔɔ Kaldeafoɔ afã.” Nanso wantie. Enti Yiria sɔɔ Yeremia mu de no kɔmaa mpanimfoɔ no. 15 Na mpanimfoɔ+ no bo fuu Yeremia,+ na wɔhwee no+ de no too afiase+ wɔ ɔtwerɛfoɔ Yehonatan fie,+ ɛfiri sɛ ɛhɔ na na wɔde ayɛ afiase.+ 16 Berɛ a Yeremia kɔɔ abura+ dan no ne ntokuro no mu no, Yeremia tenaa hɔ nna pii.
17 Na Ɔhene Sedekia soma kɔfaa no baeɛ, na ɔhene bisabisaa no nsɛm wɔ ɔhene fie ahuntaeɛ mu.+ Na ɔbisaa no sɛ: “Asɛm bi a ɛfiri Yehowa nkyɛn wɔ hɔ anaa?” Ɛnna Yeremia kaa sɛ: “Aane, asɛm wɔ hɔ!” Na ɔtoaa so sɛ: “Wɔde wo bɛhyɛ Babilon hene nsa!”+
18 Afei Yeremia bisaa Ɔhene Sedekia sɛ: “Bɔne bɛn koraa na mayɛ wo ne wo nkoa ne ɔman yi+ a enti mode me ato afiase yi? 19 Ɛhe na mo adiyifoɔ a wɔhyɛɛ mo nkɔm sɛ, ‘Babilon hene remma mo ne asase yi so’+ no wɔ? 20 Enti afei me wura ɔhene, mesrɛ wo tie. Ma m’adesrɛ+ nnuru w’anim, na nsan mfa me nkɔ ɔtwerɛfoɔ Yehonatan+ fie hɔ na manwu wɔ hɔ.”+ 21 Enti Ɔhene Sedekia hyɛ maa wɔde Yeremia too afiase wɔ Awɛmfoɔ Aban+ mu. Na wɔmaa no paanoo a ɛfiri paanootofoɔ borɔno+ so daa kɔsii sɛ kuro no mu paanoo nyinaa saeɛ.+ Na Yeremia kɔɔ so tenaa Awɛmfoɔ Aban+ mu hɔ.