29 Kaldeafoɔ a wɔne kuro yi redi ako no bɛba de egya abɛto kuro yi mu, na wɔahye+ ɛne afie a wɔhye afɔrebɔdeɛ wɔ n’atifi ma Baal na wɔhwie afɔrebɔ nsa wɔ hɔ ma anyame foforɔ de hyɛ me abufuo no.’+
22 “‘Hwɛ, merehyɛ,’ Yehowa asɛm nie, ‘na mede wɔn bɛsan aba kuro yi so bio,+ na wɔne mo abɛko afa na wɔde egya ahye;+ mɛma Yuda nkuro adane amamfõ a obi nte mu.’”+
23 Wɔde wo yerenom ne wo mma nyinaa bɛfiri adi abrɛ Kaldeafoɔ no, na wo nso, worentumi nnwane mfiri wɔn nsam.+ Babilon hene nsa bɛsɔ wo mu, na wo nti, wɔde gya bɛhye kuro yi.”+