Yeremia
37 Na Yosia ba Ɔhene Sedekia+ bɛsii Yehoiakim ba Konia*+ anan, na ɔfirii aseɛ dii adeɛ, ɛfiri sɛ Babilon hene Nebukadnesar* sii no hene wɔ Yuda asaase so.+ 2 Nanso ɔno ne ne nkoa ne asaase no so nnipa antie Yehowa asɛm a ɔnam odiyifoɔ Yeremia so kaeɛ no.
3 Na Ɔhene Sedekia somaa Selemia+ ba Yehukal ne ɔsɔfoɔ Maaseia ba Sefania+ kɔɔ odiyifoɔ Yeremia nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, bɔ Yehowa yɛn Nyankopɔn mpaeɛ ma yɛn.” 4 Saa berɛ no, na Yeremia tumi kɔ baabiara a ɔpɛ wɔ ɔman no mu, ɛfiri sɛ na wɔnnya mfaa no ntoo afiase.+ 5 Ná Farao asraafoɔ asim firi Egypt reba,+ na Kaldeafoɔ a na wɔabɛtwa Yerusalem ho ahyia no tee ho asɛm. Enti wɔfirii Yerusalem kɔe.+ 6 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia sɛ: 7 “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Monkɔka nkyerɛ Yuda hene a ɔsomaa mo bɛbisaa asɛm wɔ me hɔ no sɛ: “Hwɛ! Farao asraafoɔ a wɔreba abɛboa mo no, wɔbɛsan akɔ Egypt, wɔn asaase no so.+ 8 Na Kaldeafoɔ no bɛsan aba, na wɔne kuro yi bɛko, na wɔbɛfa, na wɔde gya ahye.”+ 9 Deɛ Yehowa aka nie, “Monnnaadaa mo ho* nnka sɛ, ‘Sɛdeɛ ɛteɛ biara, Kaldeafoɔ no bɛfiri yɛn so akɔ,’ ɛfiri sɛ wɔrenkɔ. 10 Sɛ mokunkum Kaldeafoɔ asraafoɔ a wɔne mo reko no nyinaa ma ɛka wɔn mu apirafoɔ mpo a, wɔbɛsɔre afiri wɔn ntomadan mu na wɔde gya abɛhye kuro yi.”’”+
11 Berɛ a Farao asraafoɔ nti, Kaldeafoɔ asraafoɔ twee wɔn ho firii Yerusalem kɔeɛ no,+ 12 Yeremia siim wɔ Yerusalem sɛ ɔrekɔ Benyamin asaase so+ na wakɔgye ne kyɛfa wɔ ne nkurɔfoɔ mu. 13 Nanso berɛ a ɔduruu Benyamin Pono no ano no, awɛmfoɔ so panin a ɔwɔ hɔ a wɔfrɛ no Yiria, Hanania ba Selemia ba no sɔɔ odiyifoɔ Yeremia mu, na ɔkaa sɛ: “Woredwane akɔ Kaldeafoɔ no nkyɛn!” 14 Na Yeremia kaa sɛ: “Ɛnyɛ nokorɛ! Ɛnyɛ Kaldeafoɔ nkyɛn na meredwane akɔ.” Nanso Yiria antie no. Ɛnna ɔkyee Yeremia, na ɔde no kɔmaa mpanimfoɔ no. 15 Mpanimfoɔ no bo fuu Yeremia,+ na wɔhwee no, na wɔde no kɔtoo afiase*+ wɔ ɔtwerɛfoɔ Yehonatan fie, ɛfiri sɛ na wɔde hɔ ayɛ afiase. 16 Wɔde Yeremia kɔtoo afiase,* amena mu hɔ, na ɔdaa hɔ nna pii.
17 Na Ɔhene Sedekia soma kɔfaa no bae, na ɔhene bisabisaa no nsɛm kokoam wɔ ne fie* hɔ.+ Ɔbisaa no sɛ: “Woate asɛm bi afiri Yehowa hɔ anaa?” Ɛnna Yeremia kaa sɛ: “Aane!” Na ɔtoaa so sɛ: “Wɔde wo bɛhyɛ Babilon hene nsa!”+
18 Ɛnna Yeremia bisaa Ɔhene Sedekia sɛ: “Bɔne bɛn koraa na mayɛ wo ne wo nkoa ne ɔman yi a enti mode me ato afiase yi? 19 Mo adiyifoɔ a wɔhyɛɛ mo nkɔm sɛ, ‘Babilon hene remma mo so, na wɔremma asaase yi so’ no, ɛhe na wɔwɔ?+ 20 Enti afei me wura ɔhene, mepa wo kyɛw tie. Mesrɛ wo, yɛ m’abisadeɛ yi ma me. Nsan mfa me nkɔ ɔtwerɛfoɔ Yehonatan fie+ hɔ, anyɛ saa a, mɛwu wɔ hɔ.”+ 21 Enti Ɔhene Sedekia kaa sɛ wɔmfa Yeremia nkɔto afiase wɔ Awɛmfoɔ Aban no mu.+ Na wɔmaa no paanoo nkuruwankuruwa a ɛfiri paanootofoɔ borɔno so daa+ kɔsii sɛ kuro no mu paanoo nyinaa saeɛ.+ Na Yeremia kɔɔ so tenaa Awɛmfoɔ Aban no mu hɔ.