11 Na asɔfoɔ ne adiyifoɔ no ka kyerɛɛ mpanimfoɔ ne ɔman no nyinaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔbu ɔbarima yi fɔ na wɔku no,+ ɛfiri sɛ wahyɛ nkɔm atia kuro yi sɛdeɛ mo ara moate no wɔ mo asom no.”+
4 Na mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, ma wɔnkum ɔbarima yi,+ ɛfiri sɛ nsɛm a ɔrekeka kyerɛ asraafoɔ a wɔaka wɔ kuro yi mu ne ɔman no nyinaa no rebu wɔn aba mu.* Ɔbarima yi mpɛ ɔman yi asomdwoeɛ, na mmom mmusuo na ɔrepɛ ama ɔman yi.”