Yeremia
26 Yuda hene Yehoiakim+ a ɔyɛ Yosia ba no ahennie mfitiaseɛ no, asɛm yi firi Yehowa hɔ baa sɛ: 2 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Kɔgyina Yehowa fie adihɔ, na Yuda nkuro mufoɔ a wɔba Yehowa fie bɛsom* wɔ hɔ no nyinaa, ka nsɛm a mɛhyɛ wo no nyinaa fa wɔn ho.* Deɛ mɛka akyerɛ wo biara, ka kyerɛ wɔn; nyi asɛm baako mpo mfiri mu. 3 Ebia wɔbɛtie ama obiara atwe ne ho afiri ne kwammɔne ho, na mmusuo a wɔn nneyɛɛ bɔne nti mabɔ me tirim sɛ mede bɛba wɔn so no, mɛsesa m’adwene.*+ 4 Ka kyerɛ wɔn sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Sɛ moantie me, na moanni me mmara* a mede ama mo no so, 5 na moantie me nkoa adiyifoɔ a mesoma wɔn ba mo nkyɛn mprɛ pii* nanso montie wɔn no a,+ 6 ɛnneɛ me nso, mɛyɛ efie yi sɛ Silo,+ na mɛma kuro yi ayɛ nnome ama asaase so aman nyinaa.’”’”+
7 Na asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne ɔman no nyinaa tee sɛ Yeremia reka nsɛm yi wɔ Yehowa fie hɔ.+ 8 Enti berɛ a Yeremia kaa nsɛm no nyinaa wieeɛ, sɛdeɛ Yehowa kaa sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa no, asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne ɔman no nyinaa bɛkyee no, na wɔkaa sɛ: “Owuo na wobɛwuo. 9 Adɛn nti na wode Yehowa din ahyɛ nkɔm sɛ, ‘Efie yi bɛyɛ sɛ Silo, na kuro yi bɛsɛe pasaa a obiara rentena mu bio’?” Na ɔman no nyinaa bɛtwaa Yeremia ho hyiaa wɔ Yehowa fie hɔ.
10 Berɛ a Yuda mpanimfoɔ no tee nsɛm yi no, wɔfiri ɔhene no fie* baa Yehowa fie hɔ, na wɔbɛtenatenaa ase wɔ Yehowa pono foforɔ no ano.+ 11 Na asɔfoɔ ne adiyifoɔ no ka kyerɛɛ mpanimfoɔ ne ɔman no nyinaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔbu ɔbarima yi fɔ na wɔku no,+ ɛfiri sɛ wahyɛ nkɔm atia kuro yi sɛdeɛ mo ara moate no wɔ mo asom no.”+
12 Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no nyinaa ne ɔman no nyinaa sɛ: “Yehowa na ɔsomaa me sɛ menhyɛ nkɔm ntia fie yi ne kuro yi, na menka nsɛm a moteeɛ no nyinaa.+ 13 Enti afei, monyɛ mo akwan ne mo nneyɛɛ yie, na montie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm, na mmusuo a Yehowa aka sɛ ɔde bɛba mo so no, ɔbɛsesa n’adwene.*+ 14 Na me deɛ, mewɔ mo nsam. Deɛ ɛyɛ na ɛtene wɔ mo ani so biara no, momfa nyɛ me. 15 Nanso monkae nhunu sɛ, sɛ moku me a, mogya a ɛdi bem na mode bɛgu mo so, ne kuro yi so, ne emufoɔ so, ɛfiri sɛ ampa ara, Yehowa na ɔsomaa me baa mo nkyɛn sɛ memmɛka nsɛm yi nyinaa nkyerɛ mo.”
16 Ɛnna mpanimfoɔ no ne ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ asɔfoɔ ne adiyifoɔ no sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wɔbu ɔbarima yi fɔ na wɔku no, ɛfiri sɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn din mu na ɔkasa kyerɛɛ yɛn.”
17 Bio nso, asaase no so mpanimfoɔ no bi sɔree, na wɔka kyerɛɛ nnipa a wɔabɔ dwa no nyinaa sɛ: 18 “Mika+ a ɔfiri Moreset hyɛɛ nkɔm wɔ Yuda hene Hesekia berɛ so,+ na ɔka kyerɛɛ Yudafoɔ nyinaa sɛ: ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie:
“Wɔbɛfuntum Sion sɛ afusaase,
Yerusalem bɛyɛ aboɔ akuakuo,+
19 “Yuda hene Hesekia ne Yudafoɔ nyinaa kum no anaa? Wansuro Yehowa, na wampa Yehowa kyɛw sɛ ɔnhu wɔn mmɔbɔ,* na mmusuo a Yehowa kaa sɛ ɔde bɛba wɔn so no, wansesa n’adwene anaa?*+ Enti anhwɛ a, yɛde mmusuo kɛseɛ bɛba yɛn* so.
20 “Ɔbarima bi nso tenaa ase a ɔhyɛɛ nkɔm wɔ Yehowa din mu. Ɔno ne Semaia ba Uriya a ɔfiri Kiriat-Yearim.+ Ɔno nso kaa nsɛm te sɛ Yeremia nsɛm no de hyɛɛ nkɔm tiaa kuro yi ne asaase yi. 21 Na Ɔhene Yehoiakim+ ne ne mmarima a wɔnim ko yie nyinaa ne mpanimfoɔ no nyinaa tee ne nsɛm no, na na ɔhene no repɛ no aku no.+ Berɛ a Uriya teeɛ no, ɛhɔ ara na ehu kaa no, na ɔdwane kɔɔ Egypt. 22 Ɛnna Ɔhene Yehoiakim somaa Akbor ba Elnatan+ ne mmarima foforɔ kaa ne ho kɔɔ Egypt. 23 Na wɔkɔfaa Uriya firii Egypt, na wɔde no kɔmaa Ɔhene Yehoiakim. Ɛnna ɔde sekan kum no,+ na ɔtoo ne funu twenee ɔmanfoɔ asieeɛ.”
24 Na Safan+ ba Ahikam+ di boaa Yeremia, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔremfa no mma nkurɔfoɔ no mma wɔnku no.+