-
2 Ahemfo 22:12, 13Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
12 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Hilkia, Safan ba Ahikam,+ Mikaia ba Akbor, ɔtwerɛfoɔ Safan, ne ɔhene akoa Asaia sɛ: 13 “Nwoma a wɔahunu yi mu nsɛm nti, monkɔbisa Yehowa anom asɛm mma me ne ɔman no ne Yuda nyinaa, na Yehowa abufuo a aba yɛn so no so,+ ɛfiri sɛ yɛn agyanom antie nwoma yi mu nsɛm anyɛ deɛ wɔatwerɛ wom afa yɛn ho no nyinaa.”
-
-
Yeremia 40:5Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
5 Berɛ a Yeremia da so gyina hɔ a ɔnnya nsan n’akyi no, Nebusaradan kaa sɛ: “San kɔ Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ a Babilon hene de no asi Yuda nkuro so no nkyɛn, na tena ne nkyɛn wɔ nkurɔfoɔ no mu, anaa baabiara a wopɛ sɛ wokɔ biara, kɔ.”
Na awɛmfoɔ so panin no maa no aduane ne akyɛdeɛ, na ɔmaa no kɔe.
-