Yeremia
40 Asɛm firi Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn berɛ a awɛmfoɔ so panin Nebusaradan+ gyaa no wɔ Rama+ sɛ ɔmfa ne ho nni no. Berɛ a ɔkɔfaa Yeremia baa hɔ no, na wɔde abankaba agu no, na na ɔka Yerusalemfoɔ ne Yudafoɔ a na wɔatu wɔn ase de wɔn rekɔ Babilon no nyinaa ho. 2 Afei awɛmfoɔ so panin no de Yeremia gyinaa nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa wo Nyankopɔn no na ɔkaa sɛ mmusuo bɛba ɔman yi so, 3 na Yehowa ama no aba mu sɛdeɛ ɔkaeɛ no, ɛfiri sɛ moayɛ Yehowa bɔne, na moantie n’asɛm. Ɛno nti na asɛm yi ato mo no.+ 4 Ɛnnɛ, mereyi abankaba a ɛgu wo nsa no. Sɛ wopɛ sɛ wo ne me kɔ Babilon a, ma yɛnkɔ, na mɛhwɛ wo. Na sɛ wompɛ sɛ wo ne me kɔ Babilon a, ɛnneɛ san. Hwɛ! Asaase no nyinaa da w’anim. Baabiara a wopɛ sɛ wokɔ biara, kɔ.”+
5 Berɛ a Yeremia da so gyina hɔ a ɔnnya nsan n’akyi no, Nebusaradan kaa sɛ: “San kɔ Safan+ ba Ahikam+ ba Gedalia+ a Babilon hene de no asi Yuda nkuro so no nkyɛn, na tena ne nkyɛn wɔ nkurɔfoɔ no mu, anaa baabiara a wopɛ sɛ wokɔ biara, kɔ.”
Na awɛmfoɔ so panin no maa no aduane ne akyɛdeɛ, na ɔmaa no kɔe. 6 Enti Yeremia kɔɔ Ahikam ba Gedalia nkyɛn wɔ Mispa,+ na ɔne no tenaa nkurɔfoɔ a wɔgyaa wɔn wɔ asaase no so no mu.
7 Akyire yi, asahene a wɔwɔ asaase no so nyinaa ne wɔn mmarima tee sɛ Babilon hene de Ahikam ba Gedalia asi asaase no so panin, na wayɛ no panin wɔ ahiafoɔ a wɔwɔ asaase no so no so, mmarima ne mmaa ne mmɔfra nkumaa a wɔamfa wɔn ankɔ Babilon no nyinaa.+ 8 Enti wɔbaa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa.+ Wɔn a wɔbaeɛ nie: Netania ba Ismael,+ Karea mma Yohanan ne Yonatan,+ Tanhumet ba Seraia, Netofani Efai mma no, ne Maakatni no ba Yesania,+ wɔne wɔn mmarima. 9 Na Safan ba Ahikam ba Gedalia kaa ntam kyerɛɛ wɔne wɔn mmarima no sɛ: “Monnsuro sɛ mobɛsom Kaldeafoɔ no. Montena asaase no so na monsom Babilon hene, na ɛbɛsi mo yie.+ 10 Me deɛ, mɛtena Mispa, na Kaldeafoɔ a wɔbɛba yɛn nkyɛn no, mɛsi mo anan wɔ wɔn anim.* Na mo deɛ, mommoaboa bobesa ne ahuhuro berɛ mu nnuaba ne ngo ano, na momfa ngu nneɛma a mokora adeɛ wom no mu, na montena nkuro a moafa no mu.”+
11 Na Yudafoɔ a na wɔwɔ Moab ne Ammon ne Edom nyinaa ne nsaase a aka no so no nyinaa tee sɛ Babilon hene agya nnipa bi sɛ wɔntena Yuda, na ɔde Safan ba Ahikam ba Gedalia asi wɔn so. 12 Enti Yudafoɔ no nyinaa firii mmeaeɛ a wɔbɔɔ wɔn hweteeɛ no nyinaa san baa Yuda asaase so, na wɔkɔɔ Gedalia nkyɛn wɔ Mispa. Na wɔboaboaa bobesa ne ahuhuro berɛ mu nnuaba bebree ano.
13 Karea ba Yohanan ne asahene a wɔwɔ asaase no so nyinaa baa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa. 14 Na wɔbisaa no sɛ: “Wonnim sɛ Ammonfoɔ+ hene Baalis asoma Netania ba Ismael sɛ ɔmmɛku wo?”*+ Nanso Ahikam ba Gedalia annye wɔn anni.
15 Ɛnna Karea ba Yohanan ka kyerɛɛ Gedalia wɔ kokoam wɔ Mispa sɛ: “Mepɛ sɛ mekɔ na mekɔkum Netania ba Ismael, na obiara renhunu. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔku wo,* na adɛn nti na ɛsɛ sɛ Yudafoɔ a wɔaboaboa wɔn ano aba wo nkyɛn no nyinaa hwete na Yudafoɔ a aka no ase hye?” 16 Nanso Ahikam ba Gedalia+ ka kyerɛɛ Karea ba Yohanan sɛ: “Nyɛ saa, ɛfiri sɛ deɛ woreka afa Ismael ho no nyɛ nokorɛ.”