Yeremia
41 Bosome a ɛtɔ so nson mu no, Elisama+ ba Netania ba Ismael a ɔfiri adehyeɛ abusua* mu a ɔka ɔhene mpanimfoɔ ho no ne mmarima du baa Ahikam ba Gedalia nkyɛn wɔ Mispa.+ Berɛ a na wɔabom redidi wɔ Mispa no, 2 Netania ba Ismael ne mmarima du a na wɔka ne ho no sɔree, na wɔde sekan kum Safan ba Ahikam ba Gedalia. Enti ɔkum deɛ na Babilon hene de no asi asaase no so no. 3 Ismael san kunkum Yudafoɔ a na wɔka Gedalia ho wɔ Mispa no nyinaa, na ɔkunkum Kaldeafoɔ asraafoɔ a na wɔwɔ hɔ no nso.
4 Berɛ a wɔkum Gedalia no akyi nnanu a na obiara nnim ho hwee no, 5 mmarima 80 firi Sekem+ ne Silo+ ne Samaria+ bae. Ná wɔayi wɔn abɔdwesɛ, asunsuan wɔn ntaadeɛ mu, de adeɛ atwitwa wɔn ho,+ na na wɔkurakura aduane afɔreɛ ne ɛhyɛ*+ a wɔde reba Yehowa fie. 6 Enti Netania ba Ismael firii Mispa kɔhyiaa wɔn, na ɔrekɔ nyinaa na ɔresu. Berɛ a ɔhyiaa wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra Ahikam ba Gedalia nkyɛn.” 7 Nanso berɛ a wɔduruu kuro no mu no, Netania ba Ismael ne mmarima a wɔka ne ho no kunkum wɔn, na wɔtoo wɔn guu abura no mu.
8 Nanso wɔn mu mmarima du ka kyerɛɛ Ismael sɛ: “Nku yɛn, na yɛde hwiit ne baali* ne ngo ne ɛwoɔ pii asie afuo mu.” Enti wanku wɔn anka wɔn nuanom no ho. 9 Na Ismael too mmarima a ɔkunkum wɔn no nyinaa afunu guu abura kɛseɛ bi mu, deɛ Israel hene Baasa nti Ɔhene Asa tuiɛ no.+ Saa abura no na Netania ba Ismael de mmarima a ɔkunkum wɔn no afunu hyɛɛ no ma.
10 Na Ismael kyee nnipa a aka wɔ Mispa no nyinaa.+ Wɔn mu bi ne ɔhene mma mmaa, ne nnipa a wɔkaa Mispa a awɛmfoɔ so panin Nebusaradan de wɔn hyɛɛ Ahikam ba Gedalia nsa no.+ Netania ba Ismael kyee wɔn, na ɔde wɔn kɔɔ sɛ ɔrekɔtwa akɔ Ammonfoɔ nkyɛn.+
11 Berɛ a Karea ba Yohanan+ ne asahene a wɔka ne ho no nyinaa tee awurukasɛm* a Netania ba Ismael adi nyinaa no, 12 wɔfaa mmarima no nyinaa, na wɔkɔɔ sɛ wɔne Netania ba Ismael rekɔko. Na wɔkɔtoo no wɔ Gibeon asukɛseɛ* no ho.
13 Berɛ a nnipa a wɔwɔ Ismael nkyɛn no nyinaa huu Karea ba Yohanan ne asahene a wɔka ne ho no nyinaa no, wɔbɔɔ ose. 14 Na nnipa a na Ismael akye wɔn afiri Mispa no nyinaa+ san wɔn akyi, na wɔne Karea ba Yohanan san kɔe. 15 Na Netania ba Ismael deɛ, ɔne mmarima nwɔtwe dwane firii Yohanan anim, na ɔkɔɔ Ammonfoɔ no nkyɛn.
16 Na Karea ba Yohanan ne asahene a wɔka ne ho no nyinaa faa nnipa a aka a wɔfiri Mispa no kaa wɔn ho, wɔn a wɔgyee wɔn firii Netania ba Ismael nsam berɛ a ɔkum Ahikam ba Gedalia+ no. Na wɔde mmarima, ne asraafoɔ, ne mmaa, ne mmɔfra, ne ahemfie mpanimfoɔ no firii Gibeon san bae. 17 Enti wɔkɔe, na wɔkɔtenaa Kimham asoɛeɛ a ɛbɛn Betlehem+ no sɛ wɔrefa so akɔ Egypt+ 18 ɛsiane Kaldeafoɔ no nti. Ná wɔsuro wɔn, ɛfiri sɛ na Netania ba Ismael akum Ahikam ba Gedalia a Babilon hene de no sii asaase no so no.+