-
1 Ahemfo 16:23, 24Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
23 Yuda hene Asa ahennie afe a ɛtɔ so 31 mu no, Omri bɛyɛɛ Israel hene, na ɔdii adeɛ mfeɛ 12. Ɔdii adeɛ mfeɛ nsia wɔ Tirsa. 24 Ɔtuaa dwetɛ dwetikɛseɛ* mmienu de tɔɔ Samaria bepɔ firii Semer hɔ, na ɔkyekyeree kuro wɔ bepɔ no so. Kuro a ɔkyekyereɛ no, ɔde bepɔ no wura Semer din too so, na ɔfrɛɛ hɔ Samaria.*+
-