Ahemfo Nwoma a Ɛdi Kan
16 Ɛnna Yehowa somaa Hanani+ ba Yehu+ maa no kɔkaa atemmusɛm yi tiaa Baasa: 2 “Memaa wo so firii mfuturo mu yɛɛ wo ɔpanin wɔ me man Israel so,+ nanso deɛ Yeroboam yɛeɛ no, ɛno ara bi na woreyɛ, na woama me man Israel ayɛ bɔne de wɔn bɔne ahyɛ me abufuo.+ 3 Enti merebɛpra Baasa ne ne fie nyinaa ato agu, na mɛyɛ ne fie sɛ Nebat ba Yeroboam+ fie. 4 Baasa ho nipa biara a ɔbɛwu wɔ kurom no, nkraman na ɛbɛdi ne nam, na deɛ ɔbɛwu wɔ wuram no, ewiem nnomaa na ɛbɛdi ne nam.”
5 Baasa ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ ne ne nnwuma akɛseɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 6 Ɛnna Baasa ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no wɔ Tirsa,+ na ne ba Ela bɛdii n’adeɛ. 7 Bio nso, Yehowa nam Hanani ba odiyifoɔ Yehu so kaa atemmusɛm tiaa Baasa ne ne fiefoɔ, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne de ne nneyɛɛ hyɛɛ no abufuo te sɛ Yeroboam fie, na ɔkum Nadab* nso.+
8 Yuda hene Asa ahennie afe a ɛtɔ so 26 mu no, Baasa ba Ela bɛyɛɛ Israel hene mfeɛ mmienu wɔ Tirsa. 9 Berɛ a ɔrewe nsã boro wɔ Tirsa ahemfie panin Arsa fie wɔ Tirsa no, n’akoa Simri bɔɔ ne ho pɔ. Ná Simri da akofoɔ a wɔde nteaseɛnam kɔ ako no fã ano. 10 Yuda hene Asa ahennie afe a ɛtɔ so 27 mu no, Simri kɔɔ ne wura so kɔbɔɔ no kum no,+ na ɔbɛdii n’adeɛ. 11 Berɛ a ɔbɛtenaa ahennwa no so dii hene ara pɛ, ɔkunkum Baasa fiefoɔ nyinaa. Wannya ɔbarima* biara a ɔyɛ ne busuani* anaa n’adamfo. 12 Enti Simri tɔree Baasa fiefoɔ nyinaa ase, na ɛmaa Yehowa asɛm a ɔnam odiyifoɔ Yehu so ka faa Baasa ho no baa mu.+ 13 Deɛ enti a ɛbaa saa ne sɛ, Baasa ne ne ba Ela yɛɛ bɔne, na ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne, na wɔde wɔn abosonhunu no hyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuo.+ 14 Ela ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu.
15 Yuda hene Asa ahennie afe a ɛtɔ so 27 mu no, Simri bɛdii hene nnanson wɔ Tirsa. Saa berɛ no, na asraafoɔ no akɔtwa Gibeton+ a ɛwɔ Filistifoɔ asaase so no ho ahyia. 16 Akyire yi, asraafoɔ a wɔwɔ asoɛeɛ hɔ no tee sɛ nkurɔfoɔ rekeka sɛ: “Simri abɔ ɔhene ho pɔ akum no.” Enti saa da no, Israel nyinaa de ɔsahene Omri+ sii Israel so hene wɔ asoɛeɛ hɔ. 17 Ɛnna Omri ne Israelfoɔ a wɔka ne ho nyinaa firii Gibeton bɛtwaa Tirsa ho hyiaeɛ. 18 Berɛ a Simri huu sɛ kuro no abɛdi wɔn nsam no, ntɛm ara na ɔkɔɔ ahemfie* abantenten no mu, na ɔde gya too mu hyee ne ho ne ɛdan no nyinaa, enti ɔwuiɛ.+ 19 Deɛ enti a ɛbaa saa ne sɛ, ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne. Bɔne a Yeroboam yɛeɛ no, ɛno ara bi na ɔyɛeɛ, na ɔmaa Israel nso yɛɛ bɔne.+ 20 Simri ho nsɛm a aka ne pɔ a ɔbɔeɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu.
21 Saa berɛ no, Israel man no mu kyɛɛ mmienu. Ɔman no fã kɔdii Ginat ba Tibni akyi, na na wɔpɛ sɛ wɔsi no hene, ɛnna ɛfã nso kɔdii Omri akyi. 22 Nanso Omri akyitaafoɔ no dii Ginat ba Tibni akyitaafoɔ no so nkonim. Tibni wuiɛ, na Omri dii hene.
23 Yuda hene Asa ahennie afe a ɛtɔ so 31 mu no, Omri bɛyɛɛ Israel hene, na ɔdii adeɛ mfeɛ 12. Ɔdii adeɛ mfeɛ nsia wɔ Tirsa. 24 Ɔtuaa dwetɛ dwetikɛseɛ* mmienu de tɔɔ Samaria bepɔ firii Semer hɔ, na ɔkyekyeree kuro wɔ bepɔ no so. Kuro a ɔkyekyereɛ no, ɔde bepɔ no wura Semer din too so, na ɔfrɛɛ hɔ Samaria.*+ 25 Omri yɛɛ Yehowa ani so bɔne; ɔyɛɛ bɔne senee wɔn a wɔdii no kan nyinaa.+ 26 Bɔne a Nebat ba Yeroboam yɛeɛ nyinaa, ɔno nso yɛɛ bi. Yeroboam maa Israel yɛɛ bɔne, na wɔde wɔn abosonhunu hyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuo.+ 27 Omri ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ ne ne nnwuma akɛseɛ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Israel ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 28 Omri ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no wɔ Samaria, na ne ba Ahab+ bɛdii n’adeɛ.
29 Yuda hene Asa ahennie afe a ɛtɔ so 38 mu no, Omri ba Ahab bɛdii Israel so hene. Omri ba Ahab dii Israel so hene mfeɛ 22 wɔ Samaria.+ 30 Omri ba Ahab yɛɛ Yehowa ani so bɔne senee wɔn a wɔdii no kan nyinaa.+ 31 Ɔno deɛ, ɛnyɛ Nebat ba Yeroboam+ bɔne nko na ɔyɛɛ bi; ɔsan kɔwaree Sidonfoɔ+ hene Etbaal babaa Yesebel,+ na ɔkɔsom Baal+ bɔɔ ne mu ase maa no. 32 Afei nso, ɔsii fie* maa Baal wɔ Samaria, na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Baal.+ 33 Ahab sii ɔbosom dua*+ nso. Ahab yɛɛ bɔne de hyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuo senee Israel ahemfo a wɔdii no kan nyinaa.
34 Ne berɛ so na Betelni Hiel san kyekyeree Yeriko. Berɛ a ɔtoo kuro no fapem no, ne ba panin Abiram wui, na berɛ a ɔsisii n’apono nso, ne ba kumaa Segub wui, na ɛmaa Yehowa asɛm a ɔnam Nun ba Yosua so kaeɛ no baa mu.+