Ahemfo Nwoma a Ɛdi Kan
17 Tisbini Elia*+ a ɔte Gilead+ no ka kyerɛɛ Ahab sɛ: “Sɛ́ Yehowa, Israel Nyankopɔn a mesom no* no te ase yi, bosuo anaa nsuo rentɔ mfeɛ yi mu, gye sɛ makasa!”+
2 Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: 3 “Firi ha na fa w’ani kyerɛ apueeɛ fam kɔhinta Kerit Bɔn a ɛwɔ Yordan apueeɛ no mu. 4 Subɔn no mu nsuo na nom, na mɛma nkwaakwaadabi abrɛ wo aduane wɔ hɔ.”+ 5 Ntɛm ara na ɔkɔyɛɛ deɛ Yehowa kaeɛ no; ɔkɔtenaa Kerit Bɔn a ɛwɔ Yordan apueeɛ no mu. 6 Anɔpa biara, na nkwaakwaadabi brɛ no aduane ne nam, na ɛduru anwummerɛ nso a, wɔbrɛ no aduane ne nam, na subɔn no mu nsuo na ɔnomeeɛ.+ 7 Nanso nna bi akyi no, subɔn no mu nsuo wee,+ ɛfiri sɛ na nsuo ntɔ wɔ asaase no so.
8 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: 9 “Sɔre kɔ Sarefat a ɛwɔ Sidonfoɔ asaase so na kɔtena hɔ. Hwɛ! mɛma ɔbaa kunafoɔ bi ama wo aduane wɔ hɔ.”+ 10 Ɛnna ɔsɔre kɔɔ Sarefat, na berɛ a ɔduruu kuro no pono ano no, na ɔbaa kunafoɔ bi repɛ anyina. Enti ɔfrɛɛ ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, fa nsuo kakra gu kuruwa mu brɛ me na mennom.”+ 11 Berɛ a ɔbaa no siim sɛ ɔrekɔfa aba no, ɔfrɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, ɛyɛ a fa paanoo kakra brɛ me.” 12 Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa, wo Nyankopɔn te ase yi, menni paanoo biara; esiam nsa ma pɛ na aka wɔ ahina kɛseɛ mu ne ngo kakraa bi a ɛwɔ ahina ketewa+ mu, na merepɛ anyina kakra akɔyɛ biribi ama me ne me ba adi, na yɛawu.”
13 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro. Wo deɛ, kɔyɛ deɛ woaka no. Mmom di kan fa deɛ ɛwɔ hɔ no bi yɛ paanoo ketewaa bi brɛ me ansa na woayɛ bi ama wo ne wo ba no. 14 Na asɛm a Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie: ‘Esiam a ɛwɔ ahina kɛseɛ mu no rensa, na ngo a ɛwɔ ahina ketewa mu no nso rensa kɔsi da a Yehowa bɛma nsuo atɔ agu asaase no so.’”+ 15 Enti ɔbaa no kɔyɛɛ deɛ Elia kaeɛ no, na ɔne ne fiefoɔ ne odiyifoɔ no nyinaa nyaa aduane dii nna pii.+ 16 Sɛdeɛ Yehowa nam Elia so kaeɛ no, esiam a ɛwɔ ahina kɛseɛ mu no ansa, na ngo a ɛwɔ ahina ketewa mu no nso ansa.
17 Akyire yi, ɔbaa a ɔkɔsoɛɛ ne fie no babarima yaree, na yareɛ no mu yɛɛ den ara maa no wui.*+ 18 Ɛnna ɔbaa no bisaa Elia sɛ: “O nokorɛ Nyankopɔn nipa, bɔne bɛn na mayɛ wo?* Woaba ha sɛ worebɛkae me me bɔne na woaku me ba anaa?”+ 19 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Fa wo ba no ma me.” Na ɔgyee no firii ne nsam de no kɔɔ atifi dan a ɔte mu no mu, na ɔde no too ne mpa so.+ 20 Ɛnna ɔteaam frɛɛ Yehowa sɛ: “O Yehowa, me Nyankopɔn,+ okunafoɔ a mabɛsoɛ no yi, enti woreyɛ no bɔne aku ne ba?” 21 Ɛnna ɔbutuu abɔfra no so mprɛnsa, na ɔteaam frɛɛ Yehowa sɛ: “O Yehowa, me Nyankopɔn, mesrɛ wo, ma abɔfra yi nkwa* nsan mmra ne mu.” 22 Yehowa tiee Elia adesrɛ no,+ enti abɔfra no nkwa* san baa ne mu, na ɔnyaneeɛ.*+ 23 Elia faa abɔfra no firii atifi dan no mu de no siane baa fie no mu, na ɔde no brɛɛ ne maame; afei Elia kaa sɛ: “Hwɛ, wo ba no te ase.”+ 24 Ɛnna ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ: “Afei na mahu sɛ ampa woyɛ Onyankopɔn nipa,+ na Yehowa asɛm a ɛwɔ w’anom no yɛ nokorɛ.”