1 Ahemfo
17 Ɛnna Tisbini Elia+ a ɔfiri Gileadfoɔ+ mu bɛka kyerɛɛ Ahab sɛ: “Sɛ́ Yehowa, Israel Nyankopɔn a megyina n’anim+ no te aseɛ+ yi, bosuo anaa nsuo rentɔ+ mfeɛ yi mu gye sɛ makasa!”+
2 Na Yehowa asɛm+ baa ne nkyɛn sɛ: 3 “Firi ha kɔ, na fa w’ani kyerɛ apueeɛ fam kɔhunta+ Kerit subɔn a ɛwɔ Yordan apueeɛ no ho. 4 Subɔn no mu nsuo na nom,+ na mɛhyɛ ama nkwaakwaadabi+ abrɛ wo aduane wɔ hɔ.”+ 5 Ntɛm ara na ɔkɔyɛɛ deɛ Yehowa kaeɛ+ no, enti ɔkɔtenaa Kerit subɔn a ɛwɔ Yordan apueeɛ no ho. 6 Ná daa nkwaakwaadabi brɛ no aduane ne nam anɔpa, na anwummerɛ nso wɔbrɛ no aduane ne nam, na subɔn no mu nsuo na ɔnomeeɛ.+ 7 Nanso nna bi akyi no, subɔn no mu nsuo weeɛ,+ ɛfiri sɛ na nsuo ntɔ asase no so.
8 Ɛnna Yehowa asɛm baa ne nkyɛn sɛ:+ 9 “Sɔre kɔ Sarefat+ a ɛwɔ Sidonfoɔ asase soɔ na kɔtena hɔ. Hwɛ! mɛma ɔbaa bi a ɔyɛ okunafoɔ ama wo aduane wɔ hɔ.” 10 Ɛnna ɔsɔre kɔɔ Sarefat, na berɛ a ɔduruu kuro no pono ano no, hwɛ! ɔbaa kunafoɔ bi a ɔrepɛ nnyina nie. Enti ɔfrɛɛ ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, fa nsuo kakra gu adeɛ mu ma me, na mennom.”+ 11 Berɛ a ɔbaa no siim sɛ ɔrekɔfa aba no, ɔfrɛɛ no bio ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, ɛyɛ a fa paanoo kakra+ hyɛ wo nsam brɛ me.” 12 Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa, wo Nyankopɔn no te aseɛ yi,+ menni paanoo+ biara; esiam nsa mã+ pɛ na aka wɔ kukuo mu ne ngo kakraa+ bi a ɛwɔ ahina mu, na merepɛ nnyina kakra akɔyɛ biribi ama me ne me ba adi, na yɛawu.”+
13 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro.+ Wo deɛ, kɔyɛ deɛ woaka no. Mmom di kan fa deɛ ɛwɔ hɔ no bi yɛ paanoo ketewaa bi brɛ me ansa+ na woayɛ bi ama wo ne wo ba no. 14 Na asɛm a Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Esiam a ɛwɔ kukuo mu no rensã, na ngo a ɛwɔ ahina mu no nso rensã kɔsi da a Yehowa bɛma nsuo atɔ agu asase no soɔ.’”+ 15 Enti ɔkɔyɛɛ sɛdeɛ Elia kaeɛ no; na ɔbaa no nyaa aduane dii nna pii, ɔne ne fiefoɔ ne odiyifoɔ no.+ 16 Kukuo no mu esiam no ansa, na ahina no mu ngo no nso ansa,+ sɛdeɛ Yehowa nam Elia so kaeɛ no.
17 Na ɛbaa sɛ nsɛm yi akyi no, ɔbaa no, kyerɛ sɛ, efiewura no, babarima yareeɛ, na yareɛ no mu yɛɛ den kɔsii sɛ afei deɛ na home biara nni ne mu bio.+ 18 Ɛnna ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ: “O nokorɛ Nyankopɔn nipa, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ?+ Woaba ha sɛ worebɛkae me me bɔne+ na woaku me ba.” 19 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Fa wo ba no ma me.” Na ɔgyee no firii ne kokom de no kɔɔ atifi dan+ a ɔte mu no mu, na ɔde no too ne mpa so.+ 20 Ɛnna ɔteaam frɛɛ Yehowa sɛ: “O Yehowa, me Nyankopɔn,+ okunafoɔ a mabɛsoɛ no yi, woreyɛ ɔno nso bɔne aku ne ba?” 21 Ɛnna ɔbutuu abɔfra no so+ mprɛnsa, na ɔteaam frɛɛ Yehowa sɛ: “O Yehowa, me Nyankopɔn, mesrɛ wo, ma abɔfra yi kra+ nsan mmra ne mu.” 22 Na Yehowa tiee Elia nne,+ enti abɔfra no kra san baa ne mu, na ɔbaa nkwa mu.+ 23 Ɛnna Elia faa abɔfra no firii atifi dan no mu baa fie no mu, na ɔde no brɛɛ ne maame; afei Elia kaa sɛ: “Hwɛ, wo ba no te ase.”+ 24 Ɛnna ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ: “Afei na mahunu sɛ woyɛ Onyankopɔn nipa+ ampa, na Yehowa asɛm a ɛwɔ w’anom no yɛ nokorɛ.”+