1 Ahemfo
18 Na nna pii akyi+ no, Yehowa asɛm baa Elia nkyɛn wɔ afe a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu sɛ: “Kɔ, na fa wo ho kɔkyerɛ Ahab, ɛfiri sɛ merebɛma nsuo atɔ agu asase no so.”+ 2 Enti Elia kɔɔ sɛ ɔde ne ho rekɔkyerɛ Ahab berɛ a na ɛkɔm no mu ayɛ den+ wɔ Samaria no.
3 Saa berɛ no ara mu na Ahab frɛɛ Obadia a ɔyɛ ne fiepanin+ no. (Ná Obadia yɛ obi a ɔsuro+ Yehowa yie. 4 Enti berɛ a Yesebel+ kunkum Yehowa adiyifoɔ+ no, Obadia faa adiyifoɔ no mu ɔha de wɔn kɔhuntaa ɔbodan mu, aduonum aduonum, na ɔmaa wɔn aduane ne nsuo.)+ 5 Ahab ka kyerɛɛ Obadia sɛ: “Kɔhwehwɛ asase no so nsutire ne nsubɔn nyinaa ho. Ebia yɛbɛnya ɛserɛ mono,+ na ama yɛatumi akora apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ no nkwa so na mmoa no ansan anwuwu bio.”+ 6 Enti wɔkyɛɛ asase no mu maa obiara faa ne kwan. Ahab de n’ani kyerɛɛ baabi, na Obadia nso de n’ani kyerɛɛ baabi foforɔ.+
7 Berɛ a Obadia nam kwan so rekorɔ no, ɔbɛhwɛ a Elia na ɔreba abɛhyia+ no yi. Ɛhɔ ara na ɔhunuu sɛ ɛyɛ ɔno, na ɔde n’anim butuu fam+ kaa sɛ: “Me wura+ Elia nie anaa?” 8 Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Ɛyɛ me a. Kɔka kyerɛ wo wura+ sɛ, ‘Mahunu Elia.’” 9 Nanso ɔbuaa sɛ: “Bɔne+ bɛn na mayɛ a enti wopɛ sɛ wode w’akoa hyɛ Ahab nsa ma no ku me? 10 Sɛ́ Yehowa wo Nyankopɔn te aseɛ yi,+ ɔman anaa ahennie biara nni hɔ a me wura nsoma nkɔɔ hɔ nkɔhwehwɛɛ woɔ. Sɛ wɔka sɛ, ‘Ɔnni ha’ a, ɔma ahennie anaa ɔman no ka ntam de kyerɛ sɛ wɔnhuu wo.+ 11 Nanso wose: ‘Kɔka kyerɛ wo wura sɛ, “Mahunu Elia.”’ 12 Sɛ mefiri w’anim kɔ a, deɛ ɛbɛba ne sɛ, Yehowa honhom+ bɛfa wo akɔ baabi a mennim; nanso sɛ mekɔbɔ Ahab amanneɛ na wanhu wo a, kum na ɔbɛku+ me; w’akoa deɛ, ɛfiri me mmɔfraase na masuro Yehowa.+ 13 Wɔnkaa deɛ meyɛeɛ nkyerɛɛ me wura berɛ a Yesebel kunkum Yehowa adiyifoɔ no anaa? Mede Yehowa adiyifoɔ no ɔha kɔhuntaa ɔbodan mu, aduonum aduonum,+ na memaa wɔn aduane ne nsuo daa.+ 14 Nanso wose, ‘Kɔka kyerɛ wo wura sɛ, “Mahunu Elia.”’ Kum na ɔbɛku me.”+ 15 Ɛnna Elia kaa sɛ: “Sɛ́ asafo Yehowa+ a megyina n’anim no te aseɛ yi,+ ɛnnɛ mɛyi me ho adi akyerɛ no.”
16 Ɛnna Obadia kɔhyiaa Ahab ka kyerɛɛ no; na Ahab nso kɔhyiaa Elia.
17 Ɛbaa sɛ berɛ a Ahab hunuu Elia pɛ, Ahab ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo a wode mmusuo aba Israel soɔ, wonie?”+
18 Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Ɛnyɛ me na mede mmusuo+ aba Israel soɔ, ɛyɛ wo ne wo papa fiefoɔ,+ ɛfiri sɛ moagya Yehowa mmara nsɛm+ akɔdi Baal anyame akyi.+ 19 Na afei soma ma wɔnkɔboaboa Israel nyinaa ano mmɛhyia me Bepɔ Karmel+ so, wɔne Baal adiyifoɔ+ ahanan aduonum ne abosonnua+ ho adiyifoɔ ahanan a wɔdidi Yesebel+ pono soɔ no.” 20 Enti Ahab soma kɔɔ Israelfoɔ nyinaa mu na wɔkɔboaboaa adiyifoɔ+ no ano baa Bepɔ Karmel so.
21 Ɛnna Elia twe baa ɔman no nyinaa nkyɛn bɛkaa sɛ: “Da bɛn na mobɛhinhim nsɛm mmienu ntam akɔsie?+ Sɛ Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn a, monni n’akyi,+ na sɛ Baal nso a, monni n’akyi.” Na ɔman no amma no mmuaeɛ biara. 22 Na Elia toaa so ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Mene Yehowa diyifoɔ a waka,+ me nko ara na maka, nanso Baal adiyifoɔ yɛ ahanan aduonum. 23 Na afei momma wɔmma yɛn anantwinini nkumaa mmienu, na momma wɔmfa nantwie kumaa baako na wɔntwitwa no asinasini ngu nnyina so, nanso wɔmmfa gya nnto mu. Me nso mɛsiesie nantwie kumaa a aka no de agu nnyina so, nanso meremfa gya nto mu. 24 Na mommɔ mo nyame din mfrɛ no,+ na me nso mɛbɔ Yehowa din afrɛ no; Onyame a ɔde gya+ bɛgye soɔ no, ɔno ne nokorɛ Nyankopɔn.”+ Ɛnna ɔman no nyinaa buaa sɛ: “Ɛyɛ asɛmpa.”
25 Afei Elia ka kyerɛɛ Baal adiyifoɔ no sɛ: “Monyi nantwinini kumaa baako mfa, na monni kan nsiesie, ɛfiri sɛ mo na modɔɔso; mommɔ mo nyame din mfrɛ no, na mmom mommfa gya nnto mu.” 26 Ɛnna wɔfaa nantwinini a ɔde maa wɔn no. Afei wɔsiesieeɛ, na wɔbɔɔ Baal din frɛɛ no firi anɔpa kɔsii owigyinaeɛ sɛ: “O Baal, gye yɛn so!” Nanso wɔante nne+ bi, na obi nso annye so.+ Saa berɛ no nyinaa na wɔrehurihuri twa afɔrebukyia a wɔasie no ho hyia. 27 Ɛduruu owigyinaeɛ no, Elia firii aseɛ dii wɔn ho fɛ+ sɛ: “Monteateam dendeenden, na ɔyɛ onyame;+ ebia na ɔredwene asɛm bi ho, anaa ebia ɔkɔ baabi so+ rekɔgya ne nan.+ Ebia na wada, na ɛsɛ sɛ ɔnyane!”+ 28 Na wɔde nne kɛseɛ teateaam, na sɛdeɛ wɔn amanneɛ teɛ no, wɔde asekan twitwaa wɔn ho+ de mpea wowɔɔ wɔn ho kɔsii sɛ mogya guu wɔn. 29 Na ɛbaa sɛ owigyinaeɛ twaam no, wɔtoaa so yeyɛɛ sɛ adiyifoɔ+ kɔsii aduane afɔdeɛ berɛ, nanso wɔante nne bi, obiara annye so, na wɔante obiara nka.+
30 Afei Elia ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: “Montwe mmɛn me.” Na ɔman no nyinaa twe bɛn no. Ɛnna ɔsiesiee Yehowa afɔrebukyia a wɔabubu+ no no. 31 Enti Elia tasee aboɔ dumienu sɛdeɛ Yakob mma mmusuakuo dodoɔ teɛ; ɔno na Yehowa ka kyerɛɛ no+ sɛ: “Wɔbɛfrɛ wo Israel.”+ 32 Na ɔde aboɔ no sii afɔrebukyia+ Yehowa din+ mu, na ɔtwaa kã a ne kɛseɛ te sɛ asase a wɔbɛtumi agu aba susukoraa mmienu wɔ soɔ wɔ afɔrebukyia no ho nyinaa hyiaeɛ. 33 Ɛno akyi no, ɔhyehyɛɛ nnyina+ no wɔ so, na ɔtwitwaa nantwinini no mu asinasini de guu nnyina no so. Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa nsuo nhyehyɛ nhina akɛseɛ nnan amaama, na monhwie ngu ɔhyeɛ afɔdeɛ ne nnyina no so.” 34 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Monsan nyɛ bio.” Na wɔsan yɛɛ bio. Na ɔsan kaa sɛ: “Monyɛ no ne mprɛnsa so.” Na wɔyɛɛ no ne mprɛnsa so. 35 Enti nsuo no fefaa afɔrebukyia no ho nyinaa hyiaeɛ, na ɛkã no nso, ɔde nsuo hyɛɛ no mã.
36 Berɛ a aduane afɔdeɛ berɛ+ duruiɛ no, Elia twe bɛn afɔrebukyia no, na ɔkaa sɛ: “O Yehowa, Abraham+ ne Isak+ ne Israel+ Nyankopɔn, ɛnnɛ ma wɔnhunu sɛ wone Onyankopɔn wɔ Israel,+ na me nso meyɛ w’akoa, na w’asɛm+ so na menam ayɛ yeinom nyinaa. 37 Gye me so, O Yehowa, gye me so, na ɔman yi nhunu sɛ wo Yehowa,+ wone nokorɛ Nyankopɔn no, na wo na woasan adane wɔn akoma aba.”+
38 Ɛnna Yehowa gya+ tɔ firi soro baeɛ, na ɛbɛhyee ɔhyeɛ+ afɔdeɛ no ne nnyina no ne aboɔ ne dɔteɛ no, na ɛwee nsuo a ɛwɔ kã no mu nyinaa.+ 39 Berɛ a ɔman no nyinaa hunuiɛ no, ntɛm ara na wɔde wɔn anim butubutuu fam+ kaa sɛ: “Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn! Yehowa ne nokorɛ Nyankopɔn!” 40 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkye Baal adiyifoɔ no! Mommma wɔn mu baako mpo mmfiri mo nsa!” Ɛhɔ ara na wɔkyee wɔn, na Elia de wɔn siane kɔɔ Kison subɔn+ no ho kɔkunkum wɔn wɔ hɔ.+
41 Afei Elia ka kyerɛɛ Ahab sɛ: “Kɔ na kɔdidi na nom+ ɛfiri sɛ mate osu kɛseɛ nka.”+ 42 Na Ahab kɔdidi nomeeɛ. Elia deɛ, ɔforo kɔɔ Karmel atifi de n’anim kɔbutuu fam+ na ɔde ne tiri hyɛɛ ne nkotodwe ntam.+ 43 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne somfoɔ no sɛ: “Mesrɛ wo, foro kɔhwɛ po fam.” Enti ɔkɔhwɛeɛ, na ɔkaa sɛ: “Manhunu hwee.” Na ɔkaa no mprɛ nson kyerɛɛ no sɛ, “San kɔ.”+ 44 Ɛbaa sɛ berɛ a ɔkɔɔ deɛ ɛtɔ so nson no, ɔbɛkaa sɛ: “Hwɛ! mehunuu mununkum ketewa bi a ne kɛseɛ te sɛ onipa nsam sɛ ɛfiri po mu reforo kɔ soro.”+ Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Foro kɔka kyerɛ Ahab sɛ, ‘Siesie wo teaseɛnam+ na siane kɔ, na nsuo anka wo anhyɛ ha!’” 45 Na mununkum maa wiem yɛɛ tumm, na mframa bɔeɛ+ na osu kɛseɛ firii aseɛ tɔeɛ.+ Na Ahab de ne teaseɛnam no ani kyerɛɛ Yesreel.+ 46 Ná Yehowa nsa wɔ Elia so,+ enti ɔkyekyeree n’asene+ tuu mmirika kɔsianee Ahab ho kɔduruu Yesreel.+