Deuteronomium 4:35 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 35 Nanso wo deɛ, wama woahunu sɛ ɔno ne nokorɛ Nyankopɔn Yehowa no,+ na obiara nni hɔ sɛ ɔno.+ 2 Ahemfo 17:41 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 41 Amanaman yi suroo Yehowa+ deɛ, nanso wɔn ahoni a wɔasene na wɔsom wɔn. Wɔn mma ne wɔn mmanana nso, sɛdeɛ wɔn agyanom yɛeɛ no, saa ara na wɔn nso ayɛ de abɛsi nnɛ. Yesaia 42:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 “Mene Yehowa; me din ne no.+ Na meremfa m’animuonyam mma obiara,+ na m’ayeyie+ nso, meremfa mma ahoni.+ Yeremia 2:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Ɔman bi asesã n’anyame+ akɔfa deɛ ɛnyɛ anyame pɛn?+ Nanso me man asesã m’animuonyam akɔfa deɛ mfasoɔ biara nni soɔ.+ Hosea 10:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Wɔn akoma yɛ nyaatwom,+ enti wɔbɛbu wɔn fɔ. “Obi bɛba abɛbubu wɔn afɔrebukyia na wasɛe wɔn abosom adum no.+ Mateo 12:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Deɛ ɔnni m’afa no sɔre tia me, na deɛ ɔne me mmoaboa ano no hwete mu.+ 1 Korintofoɔ 10:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Montumi nnom Yehowa kuruwa+ ne adaemone kuruwa ano; montumi nnidi “Yehowa pono”+ so ne adaemone pono so. 2 Korintofoɔ 6:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Mo ne wɔn a wɔnnye nnie nntwe kɔndua korɔ.+ Na twaka bɛn na tenenee ne amumuyɔ wɔ?+ Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ?+
41 Amanaman yi suroo Yehowa+ deɛ, nanso wɔn ahoni a wɔasene na wɔsom wɔn. Wɔn mma ne wɔn mmanana nso, sɛdeɛ wɔn agyanom yɛeɛ no, saa ara na wɔn nso ayɛ de abɛsi nnɛ.
8 “Mene Yehowa; me din ne no.+ Na meremfa m’animuonyam mma obiara,+ na m’ayeyie+ nso, meremfa mma ahoni.+
11 Ɔman bi asesã n’anyame+ akɔfa deɛ ɛnyɛ anyame pɛn?+ Nanso me man asesã m’animuonyam akɔfa deɛ mfasoɔ biara nni soɔ.+
2 Wɔn akoma yɛ nyaatwom,+ enti wɔbɛbu wɔn fɔ. “Obi bɛba abɛbubu wɔn afɔrebukyia na wasɛe wɔn abosom adum no.+
21 Montumi nnom Yehowa kuruwa+ ne adaemone kuruwa ano; montumi nnidi “Yehowa pono”+ so ne adaemone pono so.
14 Mo ne wɔn a wɔnnye nnie nntwe kɔndua korɔ.+ Na twaka bɛn na tenenee ne amumuyɔ wɔ?+ Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ?+