Yesaia
42 Hwɛ! M’akoa+ a mekura ne mu dendeenden!+ Deɛ mayi no+ a me kra agye no atom!+ Mede me honhom ahyɛ ne mu,+ na ɔde atɛntenenee bɛbrɛ amanaman no.+ 2 Ɔrenteam na ɔremma ne nne so, na ɔremma obiara nte ne nne wɔ abɔnten so.+ 3 Ɔremmu demmire a abuka biara mu,+ na ɔrennum ntomaban biara a ayɛ wisiwisi. Ɔde nokorɛdie bɛbu atɛntenenee.+ 4 Ɔrengo na ɔremmoto kɔsi sɛ ɔde atɛntenenee bɛsi asase soɔ,+ na nsuano aman bɛtwɛn ne mmara.+
5 Nokorɛ Nyankopɔn Yehowa, deɛ ɔbɔɔ ɔsoro+ na ɔtwee mu,+ deɛ ɔtrɛ asase+ ne ɛso nneɛma mu,+ deɛ ɔde home+ ma nnipa a wɔte soɔ+ na ɔde honhom ma wɔn a wɔnam soɔ+ no asɛm nie: 6 “Me Yehowa, mafrɛ wo tenenee mu,+ na masɔ wo nsa.+ Mɛbɔ wo ho ban na mede wo ayɛ apam ama nnipa,+ ne kanea ama aman,+ 7 na ama woabue anifirafoɔ ani,+ na woayi nneduafoɔ afiri afiase,+ na woayi wɔn a wɔte sum mu afiri nneduadan mu.+
8 “Mene Yehowa; me din ne no.+ Na meremfa m’animuonyam mma obiara,+ na m’ayeyie+ nso, meremfa mma ahoni.+
9 “Deɛ ɛdi kan no aba mu,+ na mereka nsɛm foforɔ. Merema moate ansa na afiri adi.”+
10 Monto dwom foforɔ mma Yehowa,+ monyi no ayɛ mfiri asase ano,+ mo a motwa po+ na modidi soɔ, nsuano aman ne mo a motete mu.+ 11 Ɛserɛ+ ne ne nkuro, Kedar nkuraa,+ mma wɔn nne so. Wɔn a wɔtete abotan mu+ nni ahurisie. Nnipa a wɔwɔ mmepɔ atifi nteam dendeenden. 12 Wɔnhyɛ Yehowa animuonyam+ na wɔnyi no ayɛ nsuano aman mu.+
13 Yehowa no ara bɛpue sɛ dɔmmarima.+ Ɔbɛkanyan ne ho sɛ ɔkofoɔ.+ Ɔbɛteam, ɔbɛbɔ ose;+ ɔbɛdi n’atamfo so mmarimasɛm.+
14 “Mayɛ komm akyɛ.+ Mamua m’ano+ ahyɛ me ho so.+ Afei merebɛpene sɛ ɔbaa a ɔrewoɔ, na mɛhome hahyeehahyee na magu ahome prɛko.+ 15 Mɛsɛe+ mmepɔ ne nkokoɔ, na mɛma ɛso nhahan nyinaa ahye. Mɛma nsubɔnten adane nsupɔ na awora awewe.+ 16 Mɛma anifirafoɔ anante kwan a wɔnnim soɔ so,+ na mɛma wɔafa tempɔn a wɔmfaa so da so.+ Mɛma wɔn anim sum adane hann,+ na deɛ ɛhɔ yɛ mmonkyimmɔnka adane asasetamaa.+ Yei na mɛyɛ ama wɔn, na merennya wɔn.”+
17 Wɔn a wɔde wɔn ho to ahoni a wɔasene so,+ wɔn a wɔka kyerɛ ahoni a wɔaguo sɛ: “Mone yɛn anyame”+ no, wɔbɛma wɔasan wɔn akyi, na wɔn ani bɛwu.
18 Asotifoɔ, montie; anifirafoɔ, monhwɛ na monhunu.+ 19 Hwan na n’ani afira sɛ m’akoa, na hwan na n’aso asi sɛ me bɔfoɔ a mesoma no? Hwan na n’ani afira sɛ deɛ wɔatua no ka, anaa n’ani afira sɛ Yehowa akoa?+ 20 Woahunu nneɛma pii, nanso woanhwɛ.+ Woabue w’aso, nanso woantie.+ 21 Yehowa tenenee nti,+ n’ani gye ho sɛ ɔbɛma mmara no so+ na ayɛ kɛseɛ. 22 Na wɔyɛ nnipa a wɔafa wɔn nneɛma, wɔafom ne nyinaa;+ na wɔn nyinaa aka ntokuro mu, na wɔde wɔn asie nneduadan mu.+ Wɔafa wɔn nneɛma, na ɔgyefoɔ biara nni hɔ;+ wɔafom wɔn nneɛma, na obiara nni hɔ a ɔbɛka sɛ: “Momfa mmra!”
23 Mo mu hwan na ɔbɛyɛ aso atie asɛm yi? Hwan na ɔbɛwɛn n’aso atie deɛ wɔbɛka no akyire yi?+ 24 Hwan na ɔmaa kwan maa wɔfom Yakob na ɔde Israel hyɛɛ adwotwafoɔ nsa? Ɛnyɛ Yehowa, deɛ wɔayɛ bɔne atia no no, deɛ wɔamfa n’akwan soɔ no, deɛ wɔantie ne mmara no?+ 25 Enti ɔhwiee n’anibereɛ, n’abufuo ne ɛko mu abufuhyeɛ guu ne so.+ Na ɛdɛre twaa ne ho hyiaeɛ,+ nanso wanhunu;+ ɛhyee no, nanso wamfa anhyɛ n’akomam.+