11 “Hwan na ne ho yɛ wo hu na wosuro no+ a woafiri aseɛ redi atorɔ yi?+ Nanso woankae me.+ Na woamfa w’akoma ansi hwee so.+ Manyɛ komm amfa nsɛm ansie anaa?+ Enti woansuro me.+
2 Sɛ moantie+ na moamma no anna mo akoma+ so sɛ mobɛhyɛ me din animuonyam a,+ mɛma nnome aba mo so,+ na mo nhyira bɛdane nnome.+ Mama mo nhyira adane nnome mpo dada, ɛfiri sɛ moamma no anna mo akoma so,” asafo Yehowa na aka.