Yesaia
43 O Yakob, deɛ wo Bɔfoɔ+ Yehowa aka nie; O Israel, deɛ wo Nwemfoɔ+ seɛ nie: “Nsuro na magye wo.+ Mabɔ wo din afrɛ wo.+ Woyɛ me dea.+ 2 Sɛ wotwa nsuo+ a, mɛdi w’akyi;+ wofa asubɔnten mu a, ɛremfa wo.+ Sɛ wonam egya mu a, ɛrenhye wo, na gyaframa renhye wo ho nwi mpo.+ 3 Mene Yehowa wo Nyankopɔn, Israel Kronkronni, wo Gyefoɔ no.+ Mede Egypt ayɛ agyedeɛ ama wo,+ na mede Etiopia+ ne Seba asi w’ananmu. 4 Ɛsiane sɛ wosom bo m’ani soɔ nti,+ medi wo ni, na medɔ wo.+ Mede nnipa bɛsi w’ananmu na mede aman asi wo kra ananmu.+
5 “Nsuro na medi w’akyi.+ Mede w’asefoɔ bɛfiri awiapueeɛ aba, na mɛboaboa wo ano afiri awiatɔeɛ.+ 6 Mɛka akyerɛ atifi fam+ sɛ ‘Gyaa wɔn!’ Na mɛka akyerɛ anafoɔ fam sɛ ‘Nnye wɔn nka hɔ. Fa me mma mmarima firi akyirikyiri bra, na fa me mma mmaa firi asase ano bra;+ 7 fa obiara a me din da ne soɔ+ bra, deɛ mabɔ no de ahyɛ me ho animuonyam,+ deɛ manwene no, ne deɛ mayɛ no biara.’+
8 “Fa ɔman a wɔwɔ ani nanso wɔyɛ anifirafoɔ, ne wɔn a wɔwɔ aso nanso wɔyɛ asotifoɔ no bra.+ 9 Aman nyinaa mmoaboa wɔn ho ano faako, na amanaman nka mmom.+ Wɔn mu hwan na ɔbɛtumi aka yei?+ Anaa wɔn mu hwan na ɔbɛtumi ama yɛate kane nneɛma no ho asɛm?+ Wɔmfa wɔn adansefoɔ+ mmra na wɔmmu wɔn bem, anaasɛ ma wɔnte na wɔnka sɛ, ‘Ɛyɛ nokorɛ!’”+
10 Yehowa anom asɛm nie:+ “Mone m’adansefoɔ, m’akoa a mayi no,+ na ama moahunu+ agye me adi,+ na moahunu sɛ me ara mene no.+ Wɔnnwenee Onyankopɔn bi m’anim,+ na m’akyi nso, obi nni hɔ.+ 11 Me ara mene Yehowa,+ na m’akyi no, ɔgyefoɔ biara nni hɔ.”+
12 Yehowa asɛm nie: “Me ara na maka, na magye nkwa, na mama wɔate,+ berɛ a na onyame foforɔ biara nni mo mu.+ Enti mone m’adansefoɔ,+ na mene Onyankopɔn.+ 13 Bio nso, mete sɛdeɛ meteɛ berɛ nyinaa;+ na obiara ntumi nnye mfiri me nsam.+ Mɛkanyan me ho,+ na hwan na ɔbɛtumi abɔ me nsa atwene?”+
14 Yehowa, mo Gyefoɔ,+ Israel Kronkronni+ no asɛm nie: “Mo nti mɛsoma akɔ Babilon akɔbubu nneduaban akyi adaban+ na madwerɛ Kaldeafoɔ a wɔte hyɛn mu no ama wɔasu abɔ abubuo.+ 15 Mene Yehowa, mo Kronkronni no,+ Israel Bɔfoɔ no,+ mo Hene no.”+
16 Yehowa a ɔpae kwan to po mu, deɛ ɔde tempɔn to asuo a ano yɛ den mu,+ 17 deɛ ɔde nteaseɛnam ne apɔnkɔ ne asraafoɔdɔm ne nnɔmmarima ba berɛ korɔ mu+ no asɛm nie: “Wɔbɛda fam.+ Wɔrensɔre bio.+ Wɔbɛma wɔadum.+ Wɔbɛdum te sɛ ntomaban.”+
18 “Monnkae kane nneɛma no, na monnnwene tete nneɛma ho. 19 Hwɛ, mereyɛ ade foforɔ bi.+ Afei ɛbɛpue ama moahunu, anaa ɛnte saa?+ Nokorɛm no, mede ɛkwan bɛto serɛ so,+ na mɛma nsubɔnten asene anwea pradaa so.+ 20 Wuram mmoa, sakraman ne nsohori+ mpo, bɛhyɛ me animuonyam,+ ɛfiri sɛ mɛma nsuo aba serɛ so na nsubɔnten asene anwea pradaa so,+ na mede ama me man a mayi wɔn+ no anom, 21 ɔman a manwene wɔn afa sɛ wɔnka m’ayeyie nkyerɛ no.+
22 “Nanso womfrɛɛ me, O Yakob,+ ɛfiri sɛ me ho afono wo, O Israel.+ 23 Womfaa odwan mmɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mmaa me, na womfaa w’afɔdeɛ nhyɛɛ me animuonyam.+ Menhyɛɛ wo sɛ fa ayɛyɛdeɛ bɛsom me, na memmaa aduhwam nhyɛɛ wo brɛ.+ 24 Womfaa wo sika ntɔɔ sibire+ hwamhwam biara mmaa me, na wommaa w’afɔdeɛ sradeɛ mmee me.+ Me mmom na wo bɔne nti, woahyɛ me ama masom, na w’amumuyɔ ama mabrɛ.+
25 “Me—me ara na mepepa+ wo mmarato,+ me din nti.+ Na merenkae wo bɔne bio.+ 26 Kaekae me; ma yɛnhyia nni asɛm;+ ka w’asɛm na di bem.+ 27 W’agya a ɔdi kan no ayɛ bɔne,+ na w’akasamafoɔ afom me.+ 28 Enti mɛgu kronkronbea hɔ mpanimfoɔ no ho fĩ, na mede Yakob bɛma ɔsɛeɛ na mama wɔatwa Israel adapaa.+