3 ɛnneɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɛhu wo mmɔbɔ+ na ɔde wo nkurɔfoɔ a wɔwɔ nkoasom+ mu no aba, na waboaboa wɔn ano afiri aman a Yehowa wo Nyankopɔn pamoo wo kɔɔ soɔ no nyinaa so.+
20 Wɔde mo nuanom nyinaa bɛfiri amanaman mu+ abrɛ Yehowa sɛ ayɛyɛdeɛ,+ na wɔbɛtenatena apɔnkɔ so, nteaseɛnam mu, mfunumupɔnkɔ ne yoma+ a wɔn ho yɛ hare so aba Yerusalem, me bepɔ kronkron no so,+ sɛdeɛ Israelfoɔ de ayɛyɛdeɛ gu ɛsɛn a emu teɛ mu ba Yehowa fie no,”+ Yehowa na aka.
12 “‘Mɛboaboa Yakob ano, mo nyinaa,+ na mɛka Israel nkaeɛ nyinaa aboa ano.+ Mɛka wɔn abom te sɛ nnwankuo a wɔwɔ nnwammuo mu, te sɛ nnwan a wɔwɔ adidibea,+ na nnipa bɛyɛ gyegyeegye wɔ hɔ.’+