Mika
2 “Wɔn a wɔbɔ pɔ bɔne ne wɔn a wɔdwene bɔne wɔ wɔn mpa soɔ no nnue!+ Deɛ ɛhia ara ne sɛ adeɛ akye na wɔgu so,+ ɛfiri sɛ tumi wɔ wɔn nsam.+ 2 Wɔn ani bere afuo na wɔgye,+ wɔpɛ afie na wɔfa; wɔbɔ dɔmmarima ne ne fie apoo,+ wɔsisi ɔbarima gye n’agyapadeɛ.+
3 “Enti deɛ Yehowa aka nie, ‘Merepɛ mmusuo+ bi de aba abusua yi so,+ na morentumi nyi mfiri mo kɔn mu.+ Afei morentumi nnante ahantan so,+ ɛfiri sɛ ɛbɛyɛ berɛ bɔne.+ 4 Saa da no obi de mo bɛbu bɛ+ na wabɔ abubuo.+ Ɔbɛka sɛ: “Wɔagye yɛn agyapadeɛ afiri yɛn nsam!+ Wɔasesa me man kyɛfa,+ na wɔagye afiri yɛn nsam! Wɔakyɛ yɛn asase mu de ama nkontompofoɔ.” 5 Obiara rentwe homa nsusu asase a wɔabɔ so ntonto+ no mma wo wɔ Yehowa asafo mu. 6 Monnhyɛ nkɔm.+ Wɔhyɛ nkɔm, nanso yeinom ho deɛ, wɔrenhyɛ nkɔm. Na animguaseɛ remfiri hɔ.+
7 “‘Yakob fie,+ wɔka sɛ: “Yehowa honhom boasetɔ asa, anaa yeinom ne ne nneyɛɛ?”+ Me nsɛm nyɛ+ mma deɛ ɔnante tẽẽ no anaa?+
8 “‘Nnora me ara me nkurɔfoɔ sɔree sɛ ɔtamfo ankasa.+ Wɔn a wɔde ahotɔsoɔ retwam, te sɛ wɔn a wɔfiri akono reba no, moyii adeɛ fɛfɛ a ɛbobɔ wɔn ntadeɛ anim no. 9 Mopamo me man mu mmaa firi fie a ɔbaa ani ka mu no mu. Na mogye me nhyira+ firi ne mma nkyɛn daa.+ 10 Sɔre kɔ,+ ɛfiri sɛ ɛha nyɛ ahomegyebea.+ Ɛsiane sɛ wagu ne ho fĩ nti,+ ɔsɛeɛ reba, na ɛyɛ ɔsɛeɛ a ɛyɛ ya.+ 11 Sɛ ɔbarima bi nam mframa ne nkontompo mu di atorɔ+ sɛ: “Mɛhyɛ bobesa ne mmosã ho nkɔm” a, ɔno na ɔbɛyɛ ɔman yi nkɔmhyɛfoɔ.+
12 “‘Mɛboaboa Yakob ano, mo nyinaa,+ na mɛka Israel nkaeɛ nyinaa aboa ano.+ Mɛka wɔn abom te sɛ nnwankuo a wɔwɔ nnwammuo mu, te sɛ nnwan a wɔwɔ adidibea,+ na nnipa bɛyɛ gyegyeegye wɔ hɔ.’+
13 “Baako bɛdi wɔn anim, na ɔbɛbubu abɔ kwan ama wɔn:+ Wɔbɛbɔ twi afa mu; wɔbɛfa kuro pono mu akɔ na wɔafa mu afiri adi.+ Wɔn hene bɛdi wɔn kan afa mu, na Yehowa bɛdi wɔn anim.”+