Mika
3 Na mekaa sɛ: “Yakob atitire ne Israel atumfoɔ, montie.+ Ɛnyɛ mo na ɛsɛ sɛ mohunu atɛntenenee?+ 2 Mo a mokyiri papa+ na modɔ bɔne,+ moworɔ nkurɔfoɔ ho wedeɛ na mowae wɔn nnompe ho nam.+ 3 Mo na moawe me nkurɔfoɔ nam,+ na moaworɔ wɔn ho wedeɛ abubu wɔn nnompe mu, na moatwitwa no asinasini sɛ nnompe a wɔde agu kukuo mu ne nam a ɛgu kwansɛn mu.+ 4 Saa berɛ no wɔbɛsu afrɛ Yehowa nanso ɔremmua wɔn.+ Ɔde n’anim bɛhunta wɔn saa berɛ no,+ wɔn nneyɛɛ bɔne nti.+
5 “Yei ne asɛm a Yehowa wɔ ma adiyifoɔ a wɔma me nkurɔfoɔ fom kwan,+ wɔn a wɔde wɔn sẽ keka+ na wɔteam ka sɛ, ‘Asomdwoeɛ,’+ adiyifoɔ a sɛ obi amfa biribi anhyɛ wɔn anom a, wɔhyira ɛko so ba ne soɔ no:+ 6 ‘Enti adeɛ bɛsa mo+ na moanhunu anisoadeɛ bio;+ esum bɛba mo so na moanhyɛ nkɔntorɔ. Awia bɛtɔ adiyifoɔ no so na esum aduru wɔn awia ketee.+ 7 Na adehunufoɔ+ ani bɛwu+ na nkɔmhyɛfoɔ+ nsa asi fam. Wɔn nyinaa bɛkata wɔn mfemfem so,+ ɛfiri sɛ wɔrennya mmuaeɛ biara mfiri Onyankopɔn nkyɛn.’”+
8 Nanso me deɛ, Yehowa honhom nti, tumi ne atɛntenenee ne akokoɔduro+ ahyɛ me mã sɛ menka Yakob atuateɛ nkyerɛ no na memfa Israel bɔne nsi n’anim.+
9 Yakob fie atitire ne Israel fie atumfoɔ montie,+ mo a mokyiri atɛntenenee na mokyea deɛ ɛtene biara;+ 10 mo a mode mogyahwieguo kyekyere Sion na mode amumuyɔ to Yerusalem.+ 11 Emu atitire gye adanmudeɛ bu atɛn,+ na emu asɔfoɔ kyerɛkyerɛ gye akatua,+ na emu adiyifoɔ gye sika hyɛ nkɔm;+ nanso wɔde wɔn ho to Yehowa so ka sɛ: “Ɛnyɛ Yehowa na ɔwɔ yɛn mu yi?+ Mmusuo biara remma yɛn so.”+ 12 Mo nti wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afusase, na wɔbɛdwiri Yerusalem asum hɔ,+ na asɔrefie bepɔ no bɛyɛ sɛ kwaeɛ mu nkokoɔ.