Mika
2 “Wɔnnue! Wɔn a wɔbɔ pɔ bɔne,
Wɔn a wɔdwene bɔne wɔ wɔn mpa so no!
Adeɛ kye a, deɛ wɔabɔ ho pɔ no, wɔyɛ,
Ɛfiri sɛ tumi wɔ wɔn nsam.+
2 Wɔn ani bere mfuo, na wɔgye;+
Wɔn ani bere afie nso, na wɔfa;
Wɔsisi ɔbarima gye ne fie,+
Na wɔsisi ɔbarima gye n’agyapadeɛ.
3 Enti deɛ Yehowa aka nie:
‘Merepɛ mmusuo bi de aba abusua yi so,+ na morentumi nnwane mfiri mu.*+
Morentumi nnante ahantan so bio,+ ɛfiri sɛ ɛbɛyɛ amanehunu berɛ.+
Wɔbɛka sɛ: “Wɔayɛ yɛn pasaa!+
Wɔama me man kyɛfa akɔdi nnipa foforɔ nsam; wɔagye afiri me nsam!+
Wɔde yɛn nsaase ama nkontomponi.”
5 Enti worennya obiara a ɔbɛtwe susuhoma no mu,
Akyekyɛ asaase no wɔ Yehowa asafo mu.
7 O Yakob fie, wɔka sɛ:
“Yehowa honhom nni aboterɛ bio anaa?
Weinom yɛ ne nneyɛɛ anaa?”
Me nsɛm mfa adepa mmrɛ wɔn a wɔnante tenenee mu no anaa?
8 Nanso nnansa yi, me ankasa me nkurɔfoɔ asɔre sɛ ɔtamfo.
Wɔn a wɔde ahotɔsoɔ retwam, te sɛ wɔn a wɔfiri ɛko reba no,
Moyi adeɛ fɛfɛɛfɛ a ɛka wɔn ntaadeɛ ho no.*
9 Mopamo me man mu mmaa firi wɔn afie fɛfɛɛfɛ mu;
Na nneɛma akɛseɛ a mede ahyira wɔn no, mogye firi wɔn mma nsam korakora.
10 Sɔre na kɔ, ɛfiri sɛ ɛha nyɛ baabi a wɔhome.
Ɛsiane ɔbra fĩ* nti,+ ɔsɛeɛ reba, ɔsɛeɛ kɛseɛ.+
11 Sɛ ɔbarima bi di mframa ne nkontompo akyi, na ɔdi atorɔ sɛ:
“Mɛka nsã* ne nsã a ano yɛ den ho asɛm akyerɛ mo” a,
Ɛnneɛ, ɔno ara na ɔbɛyɛ ɔman yi sɛnkafoɔ!*+
Mɛma wɔayɛ baako, te sɛ nnwan a wɔwɔ nnwammuo mu,
Te sɛ nnwan a wɔwɔ adidibea;+
Nnipa bɛbɔ ose wɔ hɔ.’+
13 Deɛ ɔbɛbubu de abɔ kwan no bɛdi wɔn anim,
Wɔbɛbɔ twi afa ɛkwan no mu; wɔbɛfa pono no mu, na wɔafa mu apue.+
Wɔn hene bɛdi wɔn kan afa mu,
Na Yehowa bɛdi wɔn anim.”+