10 Nsuro ɛfiri sɛ meka wo ho.+ Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, na mene wo Nyankopɔn.+ Mɛhyɛ wo den.+ Mɛboa wo.+ Mede me tenenee+ nsa nifa bɛsɔ wo mu dendeenden.’+
10 “Enti, m’akoa Yakob, nsuro,” Yehowa asɛm nie, “na mmɔ hu, O Israel,+ ɛfiri sɛ mɛgye wo afiri akyirikyiri na magye wo mma afiri asase a wɔakɔyɛ nkoa wɔ soɔ no so.+ Na Yakob bɛsan aba; ɔbɛba abɛhome na watena ase dwoodwoo, na obiara renyi no hu.”+