Yeremia
30 Asɛm a ɛfiri Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn nie: 2 “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Twerɛ nsɛm a mɛka akyerɛ woɔ no nyinaa wɔ nwoma mu.+ 3 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na mɛboaboa me man Israel ne Yuda atukɔfoɔ no ano,+ na mɛsan de wɔn aba asase a mede maa wɔn agyanom no so, na wɔbɛsan abɛtena so,”+ Yehowa asɛm nie.’”
4 Yei ne nsɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Israel ne Yuda. 5 Deɛ Yehowa aka nie: “Yɛate ahopopoɔ nne ne akomatusɛm;+ asomdwoeɛ biara nni hɔ. 6 Mommisa ɛ, na monhunu, sɛ awoɔ tumi ka ɔbarima anaa. Adɛn nti na mehunu sɛ ɔbarima biara nsa si n’asene sɛ ɔbaa a awoɔ aka no,+ na obiara anim ayɛ fitaa yi?+ 7 O! Ɛda no yɛ da kɛseɛ,+ na ebi mmaa da.+ Ɛyɛ ahohia berɛ ma Yakob.+ Nanso wɔbɛgye no afiri mu.”
8 “Na ɛda no,” asafo Yehowa asɛm nie, “mɛbubu kɔndua no mu afiri wɔn kɔn ho, na wɔn nhoma nso, mɛtete mu,+ na ananafoɔ remfa wɔn nyɛ nkoa mma wɔnsom wɔn bio. 9 Na wɔbɛsom Yehowa, wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid+ a mɛma ne so ama wɔn no.”+
10 “Enti, m’akoa Yakob, nsuro,” Yehowa asɛm nie, “na mmɔ hu, O Israel,+ ɛfiri sɛ mɛgye wo afiri akyirikyiri na magye wo mma afiri asase a wɔakɔyɛ nkoa wɔ soɔ no so.+ Na Yakob bɛsan aba; ɔbɛba abɛhome na watena ase dwoodwoo, na obiara renyi no hu.”+
11 “Medi w’akyi, na mɛgye wo,”+ Yehowa asɛm nie, “na mɛma aman a mabɔ wo ahwete soɔ no nyinaa adane amamfõ.+ Na wo deɛ, merensɛe wo,+ nanso mɛtene wo so sɛdeɛ ɛfata, na meremma womfa wo ho nni.”+
12 Deɛ Yehowa aka nie: “Wo kuro ayɛ akisikuro;+ wɔsa w’apirakuro a, ɛnsa.+ 13 Obiara nni hɔ a ɔbɛdi ama woɔ, wo kuro no ho.+ Wɔsa a, ɛnyɛ yie, na wɔkyekyere ma wo nso a, ɛnyɛ yie.+ 14 W’adɔfo nyinaa werɛ afiri wo.+ Ɛnyɛ wo na wɔhwehwɛ w’akyiri kwan. W’amumuyɔ+ bebrebe nti, ɔtamfo abaa na mede ahwe woɔ,+ na otirimuɔdenfoɔ+ asotwe na mede atwe w’aso; wo bɔne adɔɔso.+ 15 Adɛn nti na wo kuro+ nti, wosũ? W’amumuyɔ bebrebe nti, wo yea renkɔ da; wo bɔne adɔɔso.+ Me na mayɛ wo saa. 16 Ɛno nti, wɔn a wɔsɛe woɔ nyinaa, wɔbɛsɛe wɔn,+ na w’atamfo nso, nkoasom mu na wɔn nyinaa bɛkorɔ.+ Wɔn a wɔfom wo kɔ nyinaa, wɔbɛfom wɔn akɔ, na wɔn a wɔsesa wo nneɛma nso, mɛma wɔasesa wɔn nyinaa nneɛma.”+
17 “Mɛma wo ho atɔ wo na masa w’apirakuro no,”+ Yehowa asɛm nie. “Ɛfiri sɛ wɔfrɛɛ wo ɔbaa a wɔapamo no+ na wɔkaa sɛ: ‘Sion a obiara nhwehwɛ n’akyiri kwan no nie.’”+
18 Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mereboaboa Yakob ntomadan mu atukɔfoɔ no ano+ na mahunu ne ntomadan no mmɔbɔ. Wɔbɛsan akyekyere kuro no asi ne bepɔ no+ so, na abantenten no bɛsi ne sibea bio.+ 19 Na aseda ne wɔn a wɔresere nne bɛfiri wɔn mu aba.+ Mɛma wɔadɔɔso, na wɔrenyɛ kakraa bi;+ mɛma wɔadɔ pii, na wɔrenyɛ ketewaa bi.+ 20 Ne mma bɛyɛ sɛ tete mmerɛ no, na n’asafo bɛtim m’anim.+ Mɛdane m’ani akɔ ne nhyɛsofoɔ nyinaa so.+ 21 Ne mu na ne tumfoɔ bɛfiri aba,+ na ne mu na ne sodifoɔ bɛfiri aba;+ mɛma wabɛn na waba me nkyɛn.”+
“Afei, hwan ne deɛ wasi ne bo sɛ ɔbɛba me nkyɛn yi?”+ Yehowa asɛm nie. 22 “Mobɛyɛ me man+ na me nso mayɛ mo Nyankopɔn.”+
23 Hwɛ! Yehowa ahum, n’abufuo no, atu, mframa a ɛdi kyinhyia+ no. Ɛbɛtwa ne ho abɔnefoɔ atifi.+ 24 Yehowa abufuhyeɛ no rensan kɔsi sɛ ɔbɛyɛ n’akomam nsusuiɛ na wama no aba mu.+ Awieeɛ nna no mu no, mode mo adwene bɛkɔ so.+