Yeremia 31:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 “Saa berɛ no,” Yehowa asɛm nie, “mɛyɛ Israel mmusua nyinaa Nyankopɔn na wɔn nso ayɛ me man.”+ Hesekiel 36:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Na mobɛtena asase a mede maa mo agyanom no so,+ na mobɛyɛ me man na me nso mayɛ mo Nyankopɔn.’+ Hebrifoɔ 8:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 “‘Yei ne apam a me ne Israel fie bɛyɛ no nna no akyi,’ Yehowa asɛm nie. ‘Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu, na mɛtwerɛ no wɔn akoma mu.+ Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn+ na wɔn nso ayɛ me man.+
10 “‘Yei ne apam a me ne Israel fie bɛyɛ no nna no akyi,’ Yehowa asɛm nie. ‘Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu, na mɛtwerɛ no wɔn akoma mu.+ Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn+ na wɔn nso ayɛ me man.+