Yesaia 6:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Ma ɔman yi mpirim wɔn akoma+ na wɔnsene wɔn aso.+ Na ka wɔn ani femfam so na wɔamfa wɔn ani anhunu adeɛ, na wɔamfa wɔn aso nso ante asɛm, na wɔn akoma ante aseɛ na wɔansakra annya ayaresa.”+ Yesaia 29:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Saa da no, asotifoɔ bɛte nwoma no mu nsɛm,+ na anifirafoɔ bɛfiri kusuuyɛ ne esum mu ahunu adeɛ.+ Yesaia 43:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 “Fa ɔman a wɔwɔ ani nanso wɔyɛ anifirafoɔ, ne wɔn a wɔwɔ aso nanso wɔyɛ asotifoɔ no bra.+
10 Ma ɔman yi mpirim wɔn akoma+ na wɔnsene wɔn aso.+ Na ka wɔn ani femfam so na wɔamfa wɔn ani anhunu adeɛ, na wɔamfa wɔn aso nso ante asɛm, na wɔn akoma ante aseɛ na wɔansakra annya ayaresa.”+