Yesaia
6 Afe a Ɔhene Usia wuiɛ no,+ mehunuu Yehowa+ sɛ ɔte ahennwa kɛseɛ kokuroo bi soɔ,+ na n’atadeɛ ano atrɛ ayɛ asɔrefie hɔ mã.+ 2 Ná serafim gyinagyina ne so+ a wɔn mu biara wɔ ntaban nsia. Wɔde mmienu kata wɔn anim,+ wɔde mmienu kata wɔn nan ho, na wɔde mmienu nso tu. 3 Baako ka kyerɛ baako sɛ: “Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo Yehowa.+ N’animuonyam ahyɛ asase nyinaa so mã.” 4 Na deɛ ɔfrɛeɛ no nne maa aponnwa+ no wosoeɛ, na wisie bɛhyɛɛ fie hɔ mã.+
5 Ɛnna mekaa sɛ: “Asɛm ato me! Mawu awie, ɛfiri sɛ m’ano ho nte,+ na nkurɔfoɔ a mete wɔn mu nso ano ho nte;+ na hwɛ, mede m’ani ahunu Ɔhene no, asafo Yehowa no ara mũ!”+
6 Na serafim baako tu baa me nkyɛn a nsramma+ a ɔde afagya akɔyi afiri afɔrebukyia no soɔ no kura ne nsam.+ 7 Na ɔde bɛkaa m’ano+ ka kyerɛɛ me sɛ: “Adeɛ yi aka w’ano, enti wɔayi w’amumuyɔ afiri hɔ, na wɔapata ama wo bɔne.”+
8 Afei metee Yehowa nne sɛ ɛrebisa sɛ: “Hwan na mensoma no, na hwan na ɔbɛkɔ ama yɛn?”+ Na megyee so sɛ: “Menie, soma me.”+ 9 Na ɔkaa sɛ: “Kɔ na kɔka kyerɛ ɔman yi sɛ, ‘Teɛ ara na monteɛ, nanso monnte aseɛ; hwɛ ara na monhwɛ, nanso monnhunu mu.’+ 10 Ma ɔman yi mpirim wɔn akoma+ na wɔnsene wɔn aso.+ Na ka wɔn ani femfam so na wɔamfa wɔn ani anhunu adeɛ, na wɔamfa wɔn aso nso ante asɛm, na wɔn akoma ante aseɛ na wɔansakra annya ayaresa.”+
11 Ɛnna mebisaa sɛ: “O Yehowa, ɛnkɔsi da bɛn?”+ Na ɔbuaa sɛ: “Ɛnkɔsi sɛ kuro yi bɛsɛe na adane amamfõ, na afie ada mpan a ɔdasani biara nni mu, na asase no asɛe koraa,+ 12 na Yehowa apamo nnipa akɔ akyirikyiri na asase no adane amamfõ koraa wɔ ne mfimfini pɛɛ.+ 13 Na ɛbɛka nkyɛmu du mu baako wɔ hɔ,+ na wɔbɛsan ahye ɛno nso, te sɛ dupɔn ne odum a wɔatwa+ ama aka ne dunsini.+ Dunsini no ne asefoɔ kronkron no.”+