Yesaia
5 Ma mento dwom mma me dɔfo, me dɔfo bobeturo ho dwom.+ Ná me dɔfo wɔ bobeturo wɔ kokoɔ so, asase pa bi so. 2 Ɔfɛntɛm asase no yiyii so aboɔ, na ɔduaa bobe pa wɔ so too aban wɔ turo no mfimfini.+ Ɔtuu nsã-kyi-amena mpo wɔ hɔ.+ Na ɔtwɛnee sɛ ɛbɛso aba pa,+ nanso ɛsoo bobefõ.+
3 “Afei Yerusalemfoɔ, Yuda mmarima, mesrɛ mo mommu me ne me bobeturo ntam atɛn.+ 4 Ɛdeɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ ma me bobeturo no a menyɛeɛ?+ Adɛn nti na m’ani da so sɛ ɛbɛso aba pa na aso aba fõ yi? 5 Afei momma menkyerɛ mo deɛ merebɛyɛ me bobeturo no: Mɛtutu ɛho ban+ na wɔahye no.+ Na mɛbubu ne boɔ fasuo no na wɔatiatia so.+ 6 Mɛma no asɛe.+ Wɔrenyiyi ho na wɔrennɔ aseɛ.+ Nkasɛɛ ne nkyɛkyerɛ bɛfa afuo no.+ Na mɛhyɛ mununkum sɛ ɔnntɔ nsuo nngu so.+ 7 Asafo Yehowa bobeturo+ ne Israel fie, na n’afuo a n’ani kũ ho+ ne Yuda mmarima. Ɔhwɛɛ atemmuo kwan,+ nanso mmarato na ɔhunuiɛ; ɔhwehwɛɛ adetenenee, nanso esũ ne nteateamu na ɔteeɛ.”+
8 Monnue, mo a mogye afie pae afie soɔ,+ mo a mohwim asase ka asase ho kɔsi sɛ ɛkwan biara nna hɔ bio+ na mo nko ara motena asase no soɔ! 9 Asafo Yehowa aka ntam agu m’asom sɛ afie akɛseɛ fɛfɛ pii bɛsɛe, na obiara rentena mu.+ 10 Bobeturo ahoma du+ bɛma mo bobesa bat susuhina baako pɛ,+ na modua aduaba homar susudeɛ baako a, mobɛnya efa susudeɛ baako pɛ.+
11 Wɔnnue, wɔn a wɔsɔre anɔpahema kɔdi mmosã akyire,+ wɔn a wɔtena nsã ase ma adeɛ sa tumm kɔsi sɛ wɔbɛbo sram!+ 12 Sankuo ne sankuten, mpintin ne atɛntɛbɛn ne nsã wɔ wɔn apontoɔ ase;+ nanso Yehowa nneyɛɛ deɛ, wɔnha wɔn ho wɔ ho, ne nsa ano adwuma nso, wɔnhunuiɛ.+
13 Enti me man bɛkɔ nkoasom mu, nimdeɛ a wɔnnie nti;+ na ɛkɔm bɛdosa wɔn+ animuonyamfoɔ na sukɔm+ ade wɔn nnipadɔm no. 14 Enti Adamena* ama ne kra yam abae na wabue n’anom hahraa.+ Na kuro no mu animuonyamfoɔ, emu nnipadɔm, emu dede, ne wɔn a wɔredi ahurisie nyinaa bɛsiane akɔ hɔ.+ 15 Na wɔbɛbrɛ ɔdasani ase, ɔbarima bɛba fam, nnipa a wɔma wɔn ani tra wɔn ntɔn no bɛba fam.+ 16 Na asafo Yehowa bɛma ne ho so wɔ atemmuo mu;+ nokorɛ Nyankopɔn, Ɔkronkronni no,+ bɛte ne ho wɔ tenenee mu.+ 17 Na nnwammaa bɛdidi te sɛ deɛ wɔwɔ wɔn adidibea; na mmoa a wɔadɔ sradeɛ amamfõ so na ahɔhoɔ bɛdidie.+
18 Wɔn a wɔde nkontompo homa twe amumuyɔ na wɔde ntampehoma twe bɔne te sɛ teaseɛnam no nnue;+ 19 wɔn a wɔka sɛ: “Ɔmma ne ho nyɛ hare, ɛmmra ntɛm mma yɛnhwɛ; Israel Kronkronni no agyinatuo mmra ntɛm mma yɛnhunu” no nnue!+
20 Wɔn a wɔka sɛ papa yɛ bɔne na bɔne yɛ papa no nnue;+ wɔde sum yɛ hann na wɔde hann yɛ sum, wɔka sɛ nwononwono yɛ fremfrem na fremfrem yɛ nwononwono!+
21 Wɔn a wɔyɛ anyansafoɔ wɔn ara wɔn ani so, na wɔbu wɔn ho nhunumufoɔ no nnue!+
22 Wɔn a wɔyɛ asanom mu aberempɔn ne nsafra mu akatakyie no nnue.+ 23 Wɔn a wɔgye adanmudeɛ bu ɔbɔnefoɔ bem+ na wɔgye ɔteneneeni bemdie firi ne nsam no nnue!+
24 Na sɛdeɛ egya di buronan+ na gyaframa mene serɛ a awoɔ no, saa ara na wɔn nhini bɛporɔ abɔn+ na wɔn nhwiren ahu akɔ sɛ mfuturo, ɛfiri sɛ wɔapo asafo Yehowa mmara,+ na wɔmfa Israel Kronkronni no asɛm nyɛ hwee.+ 25 Enti Yehowa bo afu ne man dendeenden, na ɔbɛtene ne nsa wɔn so akunkum wɔn.+ Na mmepɔ bɛwoso+ na wɔn afunu bɛsum mmɔnten so sɛ sumina.+
Deɛ akɔ soɔ nyinaa nti ɔntwee n’abufuo nsaneeɛ, na watene ne nsa mu ara. 26 Wama ahyɛnsodeɛ bi so akyerɛ ɔman kɛseɛ bi wɔ akyirikyiri,+ wabɔ hwerɛma afrɛ no afiri asase ano nohoa,+ na ɔde mmirika bɛba ntɛm.+ 27 Wɔn mu biara mmrɛeɛ na ɔnsuntiiɛ. Na obiara nni hɔ a n’ani twan soɔ anaa wada. Abɔsoɔ a ɛbɔ wɔn asene rensane, na wɔn mpaboa mu homa rente. 28 Wɔn agyan ano yɛ nnam, na wɔn tadua mu akuntunu.+ Wɔn apɔnkɔ nan te sɛ twerɛboɔ,+ na wɔn nteaseɛnam nan te sɛ ahum.+ 29 Wɔn mmobɔmu te sɛ gyata, na wɔbobom sɛ gyatanini.+ Wɔpɔ so kye aboa kɔ, na obiara nni hɔ a ɔbɛgye no.+ 30 Saa da no, wɔbɛworo agu ne so te sɛ po a ɛreworɔ.+ Nnipa bɛhwɛ asase no so, na wɔbɛhunu esum kabii wɔ hɔ.+ Na nsuo bɛtɔ ama hann mpo adane sum.