Exodus 15:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 W’animuonyam kɛseɛ mu na wode wɔn a wɔsɔre tia woɔ hwe fam;+Wosoma w’abufuhyeɛ, na ɛhye wɔn sɛ serɛ.+ Yoel 2:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Wɔhurihuri sɛdeɛ nteaseɛnam yɛ kitikiti wɔ mmepɔ so,+ ne sɛdeɛ gyaframa hye buronan+ turituri no. Wɔte sɛ ɔman a ɛyɛ den a wɔatwa ɛko mpasua.+ Nahum 1:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Sɛ wɔanwene wɔn sɛ nkasɛɛ+ na wɔayɛ twann sɛ deɛ nsã+ abobo wɔn mpo a, wɔbɛhye korakora te sɛ buronan a awo wesee.+ Malaki 4:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Asafo Yehowa asɛm nie: “Hwɛ, ɛda no reba, na ɛrehye sɛ fononoo,+ na ahantanfoɔ ne wɔn a wɔdi abɔnefosɛm nyinaa bɛyɛ sɛ serɛ.+ Na da a ɛreba no bɛhye wɔn, na nhini anaa duban mpo renka.+
7 W’animuonyam kɛseɛ mu na wode wɔn a wɔsɔre tia woɔ hwe fam;+Wosoma w’abufuhyeɛ, na ɛhye wɔn sɛ serɛ.+
5 Wɔhurihuri sɛdeɛ nteaseɛnam yɛ kitikiti wɔ mmepɔ so,+ ne sɛdeɛ gyaframa hye buronan+ turituri no. Wɔte sɛ ɔman a ɛyɛ den a wɔatwa ɛko mpasua.+
10 Sɛ wɔanwene wɔn sɛ nkasɛɛ+ na wɔayɛ twann sɛ deɛ nsã+ abobo wɔn mpo a, wɔbɛhye korakora te sɛ buronan a awo wesee.+
4 Asafo Yehowa asɛm nie: “Hwɛ, ɛda no reba, na ɛrehye sɛ fononoo,+ na ahantanfoɔ ne wɔn a wɔdi abɔnefosɛm nyinaa bɛyɛ sɛ serɛ.+ Na da a ɛreba no bɛhye wɔn, na nhini anaa duban mpo renka.+