Exodus
15 Afei Mose ne Israelfoɔ no firii aseɛ too dwom yi de kamfoo Yehowa sɛ:+
“Mɛto dwom ama Yehowa, ɛfiri sɛ n’animuonyam ayɛ kɛse.+
Pɔnkɔ ne deɛ ɔte ne soɔ nyinaa, waka wɔn ahyɛ po mu.+
2 Yah ne m’ahoɔden ne me tumi,+ ɔne me nkwagyeɛ.+
Me Nyankopɔn nie, mɛyi no ayɛ;+ Onyankopɔn a me papa som no nie,+ mɛma ne so.+
3 Yehowa yɛ ɛko mu dɔmmarima.+ Ne din ne Yehowa.+
4 Farao nteaseɛnam ne n’asraafoɔdɔm nyinaa, waka wɔn agu po mu,+
N’akofoɔ mu akunini amem Po Kɔkɔɔ no mu.+
5 Nsuo no bu faa wɔn so,+ na wɔkɔɔ aseɛ tɔnn sɛ boɔ.+
7 W’animuonyam kɛseɛ mu na wode wɔn a wɔsɔre tia woɔ hwe fam;+
Wosoma w’abufuhyeɛ, na ɛhye wɔn sɛ serɛ.+
8 Wo hwene mu huruhuro+ ka nsuo boa ano;
Nsuo a ayiri asram soɔ gyinaa dinn sɛ asubɔnten a wɔagye ho ban;
Na nsuo no daa ɛpo no mfimfini.
9 Ɔtamfo no kaa sɛ, ‘Mɛtĩ wɔn;+ mɛto wɔn!+
Mɛkyɛ asadeɛ+ mu ama me kra amee!
Mɛtwe me nkrantɛ, na me nsa bɛpamo wɔn!’+
11 Anyame mu hwan na ɔte sɛ woɔ, O Yehowa?+
Hwan na ɔte sɛ woɔ, kronkronyɛ mu otumfoɔ?+
Deɛ ɛsɛ sɛ wɔsuro+ no na wɔde nnwom yi no ayɛ,+ deɛ ɔyɛ anwanwadeɛ.+
12 Wotenee wo nsa nifa,+ na asase menee wɔn.+
13 W’adɔeɛ mu na wodii ɔman a woagye wɔn+ no anim;
Wo tumi so na wode wɔn bɛkɔ wo tenabea kronkron hɔ.+
16 Ehu bɛma wɔn ho awoso biribiri.+
Wo basa kɛseɛ no bɛma wɔayɛ komm sɛ boɔ,
Kɔsi sɛ wo Yehowa, wo man+ bɛtwam,
17 Wode wɔn bɛba abɛdua wo bepɔ so, w’agyapadeɛ so,+
Faako a wo, Yehowa, woasiesie sɛ wobɛtena,+
Kronkronbea+ a wo, Yehowa, wo nsa de asi hɔ.
19 Berɛ a Farao apɔnkɔ+ ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ no kɔɔ po no mu no,+
Yehowa maa po no mu nsuo bɛkataa wɔn so,+
Na Israelfoɔ no faa asase kesee so wɔ po no mfimfini.”+
20 Afei odiyifoɔbaa Miriam a ɔyɛ Aaron nua+ no faa mpintin kuraeɛ,+ na mmaa no nyinaa de mpintin ne asa dii n’akyi.+ 21 Na Miriam gyee mmarima no so sɛ:+
“Monto dwom mma Yehowa,+ ɛfiri sɛ n’animuonyam ayɛ kɛse.+
Waka pɔnkɔ ne deɛ ɔte ne soɔ nyinaa ahyɛ po mu.”+
22 Akyire yi Mose maa Israelfoɔ no firii Po Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sur+ serɛ so na wɔtwaa kwan nnansa wɔ serɛ no so, nanso wɔannya nsuo.+ 23 Afei wɔbɛduruu Mara,+ nanso na ɛhɔ nsuo no yɛ nwono, enti wɔantumi anom. Ɛno nti na ɔfrɛɛ hɔ Mara no.+ 24 Na nkurɔfoɔ no firii aseɛ nwiinwii tiaa Mose+ sɛ: “Ɛdeɛn na yɛbɛnom?” 25 Enti ɔsu frɛɛ Yehowa.+ Na Yehowa kyerɛɛ no dua bi, na ɔde too nsuo no mu maa no yɛɛ dɛ.+
Ɛhɔ na Onyankopɔn maa wɔn ahyɛdeɛ ne atemmusɛm, na ɔsɔɔ wɔn hwɛeɛ.+ 26 Na ɔtoaa so kaa sɛ: “Sɛ wowɛn w’aso tie Yehowa wo Nyankopɔn na woyɛ deɛ ɛtene n’ani so, na wotie ne mmara di n’ahyɛdeɛ nyinaa so+ a, meremfa yareɛ a mede baa Egyptfoɔ soɔ no biara mma wo so,+ ɛfiri sɛ me Yehowa na meresa wo yareɛ.”+
27 Afei wɔbɛduruu Elim, na na asutire dumienu ne mmedua aduɔson wɔ hɔ.+ Enti wɔsoɛɛ nsuo no ho.