3 Afei na sukɔm de nkurɔfoɔ no wɔ hɔ, enti ɔman no nwiinwii tiaa Mose sɛ: “Adɛn nti na woayi yɛn afiri Egypt aba ha sɛ sukɔm mmɛkunkum yɛne yɛn mma ne yɛn mmoa?”+
11Afei ɔman no firii aseɛ nwiinwii tiaa Yehowa+ te sɛ nnipa a asɛm bi ato wɔn. Berɛ a Yehowa teeɛ no ne bo fuu yie, na Yehowa gya pae guu wɔn so bɛhyee nnipa bi a na wɔwɔ nsraban no ahyeɛ soɔ.+
16 Saa nnipa yi yɛ anwiinwiifoɔ,+ wɔn a deɛ wɔwɔ biara nsɔ wɔn ani, wɔnante wɔn ara wɔn akɔnnɔ mu,+ na wɔn ano ka akokurokosɛm,+ berɛ a wɔhoahoa nnipa+ de pɛ wɔn ara wɔn mfasoɔ.